Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 5 - KYERƐW KRONKRON


Asɔrefi no dwira

1 Na wowiee adwuma a Solomon yɛ maa AWURADE fi no nyinaa. Na Solomon de n’agya Dawid akronkronne no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinne no nyinaa besiee Onyankopɔn fi akorade no mu.

2 Ɛnna Solomon boaa Israel mpanyin ne mmusuakuw no atitiriw ne Israelfo mpanyimfi mmapɔmma no ano behyiaa Yerusalem, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afi Dawid kurow a ɛne Sion no mu aba.

3 Na Israel mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ɔhene nkyɛn nnapɔnna a ɛne ɔsram a ɛto so ason no mu.

4 Na Israel mpanyimfo nyinaa bae. Na Lewifo no bɛsoaa adaka no.

5 Na wɔfaa adaka no ne ahyiae ntamadan no ne akronkronne a ɛwɔ ntamadan no mu nyinaa bae, Lewifo asɔfo no na wɔde foro bae.

6 Na ɔhene Solomon ne Israel asafo a wobehyiaa ne nkyɛn adaka no anim no nyinaa kunkum nguan ne anantwi a wɔn dodow nti wɔantumi ankan na wɔammu ano bobɔɔ afɔre.

7 Na asɔfo no de AWURADE apam adaka no baa mu de besii n’afa, ɔdan no mpiakyiri a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.

8 Na kerubim no atrɛtrɛw wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kata adaka no ne ho mpoma no so ɔsoro.

9 Na mpoma no wowaree ma wohu mpoma no ti, adaka no ho, mpiakyiri no anim, na wonhu adiwo hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ da yi.

10 Biribi nni adaka no mu gye abopon abien a Mose de guu mu Horeb, faako a AWURADE ne Israelfo pamee bere a wofi Misraim asase so reba no.

11 Na asɔfo no fi kronkronbea hɔ fii adi no, na asɔfo a wohuu wɔn no nyinaa ayɛ wɔn ho kronkron, na wɔanni nkyekyem no akyi,

12 na Lewifo nnwontofo no a wɔhyɛ Asaf, Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom ase no, nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ kurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne nsankuten gyinagyina afɔremuka no apuei fam, na asɔfo ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛn ntorobɛnto.

13 Na ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no yɛɛ sɛ obiakofo ma wɔtee ɛnne biako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase, na wɔde ntorobɛnto ne nnawuru ne asanku maa wɔn nne so yii AWURADE ayɛ sɛ: Oye na n’adɔe wɔ hɔ daa no, ɛnna omununkum hyɛɛ ɔdan no, AWURADE dan no ma,

14 na omununkum no nti asɔfo no antumi annyina ansom, efisɛ AWURADE anuonyam ahyɛ ɔdan no ma.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan