Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 35 - KYERƐW KRONKRON


Yosia di Twam afahyɛ
( 2 Ahene 23.21-23 )

1 Na Yosia dii Twam afahyɛ Yerusalem maa AWURADE, na wokunkum Twam guan no ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no so.

2 Na ɔde asɔfo no kosisii wɔn som adwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn den maa AWURADE fi som no.

3 Na ɔka kyerɛɛ Lewifo a wɔkyerɛkyerɛ Israel nyinaa na wɔyɛ akronkronfo ma AWURADE no sɛ: Momfa adaka kronkron no mmesi ofi a Israel hene Solomon, Dawid ba, sii no mu; ɛnyɛ mo mmati so adesoa bio. Afei monsom AWURADE mo Nyankopɔn ne ne man Israel.

4 Na munsiesie mo ho, mo mpanyimfi so, mo nkyekyem mu, sɛ Israel hene Dawid ne ne ba Solomon kyerɛwee no,

5 na munnyina kronkronbea sɛnea mo nuanom ɔman mma no mpanyimfi nkyekyem te, na Lewifo mpanyimfi kyɛfa ntena hɔ mma obiara.

6 Na munkum Twam guan no, na monyɛ mo ho kronkron, na munsiesie mma mo nuanom, na monyɛ sɛ AWURADE nam Mose so kae no.

7 Na Yosia yii nguan, nguanten mma ne mmirekyi mma, maa ɔman no, sɛ wɔmfa ne nyinaa nyeyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa Twam afɔre, wɔn dodow si ɔpeduasa, ne anantwi nso mpensa; eyinom nyinaa yɛ akyɛde fi ɔhene nsam.

8 Na ne mmapɔmma nso yiyi maa ɔman, asɔfo ne Lewifo no, ayamye so. Hilkia ne Sakaria ne Yehiel, Onyankopɔn fi mmapɔmma no de Twam nguan mpennu ahansia ne anantwi ahasa maa asɔfo no.

9 Na Konania, Semaia ne Netanel, ne nuanom, ne Hasabia, Yeiel ne Yosabad, Lewifo asafohene no, yii Twam nguan mpemnum ne anantwi ahanum maa Lewifo no.

10 Ɛnna wosiesiee ɔsom no, na asɔfo no gyinagyinaa wɔn agyinae, na Lewifo no nso wowɔ wɔn nkyekyem mu sɛ ɔhene hyɛe no.

11 Na wokunkum Twam nguan no, na asɔfo no de wɔn mogya no bi petee, na Lewifo no guaa nam no.

12 Na woyii ɔhyew afɔre no sɛ wɔde rema ɔman mma no mpanyimfi nkyekyem no, sɛ wɔmfa nkɔma AWURADE sɛ wɔakyerɛw Mose nhoma mu no, ne anantwi no nso saa ara.

13 Na wɔde ogya totoo Twam guan no sɛ n’atɔremude te. Na akronkronne no de, wɔnoae nhina ne nnadesɛn ne kyew dade mu, na wɔde maa ɔman no nyinaa ntɛmso.

14 Na ɛyɛe no, wosiesiee wɔn de, ne asɔfo no de, efisɛ asɔfo, Aaron mma no, wɔ ɔhyew afɔre no bɔ ne srade no hyew ho ara de kosii adesae. Enti Lewifo no siesiee wɔn ankasa de ne asɔfo, Aaron mma no, de.

15 Na nnwontofo, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛ Dawid ne Asaf ne Heman ne Yedutun, ɔhene adehufo no, hyɛe no, na aponanohwɛfo no wɔ ɔpon ne ɔpon ho: Enni sɛ wogyaw wɔn som, na wɔn nuanom Lewifo siesiei maa wɔn.

16 Na wosiesiee AWURADE som nyinaa da no, na wodii Twam no bobɔɔ ɔhyew afɔre AWURADE afɔremuka no so, sɛnea ɔhene Yosia hyɛe no.

17 Na Israelfo a wɔwɔ hɔ no dii Twam no bere no mu, ne apiti nnapɔnna no nnansɔn.

18 Na efi odiyifo Samuel bere so wonnii Twam bi sɛ eyi Israel, na Israel ahene nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia ne asɔfo ne Lewifo ne Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfo dii no.

19 Yosia ahenni afe a ɛto so dunwɔtwe so na wodii Twam yi.


Misraim hene Neko ne Yosia wu
( 2 Ahene 23.28-30 )

20 Eyinom nyinaa akyi a Yosia asiesie ofi no, Misraim hene Neko foro bae, na obedii ako wɔ Karkemis, Eufrate ano. Na Yosia fii adi kohyiaa no.

21 Na ɔsomaa abɔfo baa ne nkyɛn sɛ: Dɛn na me ne wo, Yuda hene, wɔ yɛ? Ɛnyɛ wo so na mebae nnɛ, na mmom ofi a ɛne me di dɔm no so na Onyankopɔn aka sɛ menkɔ ntɛm. Wo ne Onyankopɔn a ɔka me ho no nnni asi na wansɛe wo.

22 Nanso Yosia annan n’ani amfi ne ho, na mmom ɔsakraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a efi Onyankopɔn anom no. Na ɔkɔe kɔkoe Megido bon mu.

23 Na agyantofo totow sesaa ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa me mfi ha nkɔ, na mapira sɛ.

24 Na ne nkoa de no fii ne teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne teaseɛnam a edi hɔ no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Na owui, na wosiee no n’agyanom asiei. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa gyam Yosia.

25 Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofo mmarima ne mmea nyinaa bɔɔ Yosia din wɔ mu de besi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛde Israel mu, na hwɛ, wɔakyerɛw kwadwom no mu.

26 Na Yosia ho nsɛm nkae ne n’adɔeyɛ, sɛnea wɔakyerɛw AWURADE mmara mu,

27 ne ne kan ne akyiri nsɛm no, hwɛ, wɔakyerɛw Israel ne Yuda ahene nhoma no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan