2 Berɛsosɛm 33 - KYERƐW KRONKRONManase ahonisom ( 2 Ahene 21.1-9 ) 1 Manase dii mfe dumien na obedii hene, na odii hene mfe aduonum anum Yerusalem. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfo anim no akyide. 3 Na ɔsan totoo sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia bubui no, na osii afɔremuka maa Baalim, na ɔyɛɛ Asera nnua, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn. 4 Na osisii afɔremuka AWURADE fi, nea AWURADE aka ho asɛm sɛ Yerusalem na me din bɛtena akosi daa hɔ. 5 Na osisii afɔremuka momaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fi abangua abien no so. 6 Na ɔmaa ne mma faa ogya mu, Hinom ba bon no mu, na oyii nkonyaa bisaa ade, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfo ne asumanfo, ne abayisɛm na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu AWURADE bo. 7 Na ɔde osen honi a ɔyɛe no sii Onyankopɔn fi a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne ba Solomon sɛ: Ofi yi ne Yerusalem na mafa mafi Israel mmusuakuw nyinaa mu, sɛ mede me din mesi hɔ akosi daa. 8 Na merenkɔ so mintwiw Israel nan mimfi asase a mahyɛ mama wɔn agyanom no so. Ɔhwɛ ara nko na wɔnhwɛ nyɛ ade a mahyɛ wɔn nyinaa, sɛ Mose nsa ano mmara ne ahyɛde ne atemmude nyinaa te. 9 Na Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfo no ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a AWURADE sɛee wɔn Israelfo anim no. 10 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie. Manase dommumfa ne n’adwensakra 11 Ɛnna AWURADE maa Asaria hene asahene baa wɔn so, na wɔde akɔtɔkoro kyeree Manase, na wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel. 12 Na ehiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii n’agyanom Nyankopɔn anim. 13 Na ɔbɔɔ no mpae no, otiee ne nkotɔsrɛ, na ɔde no san baa Yerusalem n’ahenni mu. Ɛnna Manase huu sɛ AWURADE, ne Nyankopɔn. 14 Na eyi akyi no, ɔtoo Dawid kurow akyi fasu, Gihon atɔe, osubon no mu de kosii Mpataa pon ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔma ɛkorɔn yiye. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu. 15 Na oyii ananafo anyame ne ahoni no fii AWURADE fi, ne afɔremuka a osisii AWURADE fi bepɔw so ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtotow guu kurow no akyi. 16 Na osii AWURADE afɔremuka no bio, na ɔbobɔɔ so asomdwoe afɔre ne aseda afɔre, na ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnsom AWURADE, Israel Nyankopɔn no. 17 Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre sorɔnsorɔmmea no so, nso na AWURADE wɔn Nyankopɔn nko na wɔbɔ ma no. 18 Na Manase ho nsɛm nkae ne ne mpae a ɔde bɔɔ ne Nyankopɔn, ne adehufo a wɔde AWURADE Israel Nyankopɔn din kasa kyerɛɛ no no nsɛm no, hwɛ, ɛwɔ Israel ahene ho nsɛm mu. 19 Na ne mpaebɔ ne sɛ wotiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea na osisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔbrɛɛ ne ho ase no, hwɛ, wɔakyerɛw adehufo nsɛm no mu. 20 Na Manase wui, na wosiee no ne fi, na ne ba Amon bedii n’ade. Yuda hene Amon ( 2 Ahene 21.19-26 ) 21 Amon dii mfe aduonu abien na obedii hene, na odii hene mfe abien Yerusalem. 22 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛnea n’agya Manase yɛe no, na ahoni a n’agya Manase yɛe no nyinaa, Amon bobɔɔ afɔre maa wɔn na ɔsom wɔn. 23 Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho ase no, na ɔno Amon maa mfomso dɔɔso. 24 Na ne nkoa pam ne tiri so kum no ne fi. 25 Na asase no sofo no kunkum ɔhene Amon tirisopamfo no nyinaa, na asase no sofo no de ne ba Yosia sii hene sii n’anan mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana