Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 32 - KYERƐW KRONKRON


Asaria hene Senakerib tu Yerusalem so sa
( 2 Ahene 18.13-37 ; 19.14-19 ; Yesaia 36.1-22 ; 37.8-38 )

1 Nsɛm yi ne nokware yi akyi no, Asaria hene Senakerib bae, na ɔbaa Yuda so bɛbɔɔ nkurow a ɛyɛ den no ho nsra, na ɔkae sɛ obeburuw afa.

2 Na Hesekia hui sɛ Senakerib aba na ɔde asi n’anim sɛ ɔne Yerusalem rebɛko no,

3 ɔne ne mmapɔmma ne n’atumfo tuu agyina sɛ wobesisiw nsuaniwa a ɛwowɔ kurow no ho no.

4 Na nkurɔfo bebree behyiae, na wosisiw nsuaniwa nyinaa ne asuten a ɛsen fa asase no so kae sɛ: Ɛdɛn nti na Asaria hene mmra mmenya nsu bebrebe?

5 Na ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔtoo ɔfasu a abubu no nyinaa, na ɔma ɛkorɔn kosii aban atenten no ho, na ɔtoo ɔfasu foforo, kurow no akyi, na ɔhyɛɛ Milo den, Dawid kurow ho, na ɔyeyɛɛ akode ne akyɛm bebree.

6 Na ɔde ɔsa mu asafohene sisii ɔman no so, na ohyiaa wɔn baa ne nkyɛn, kurow pon ano mprae no so, na ɔkasa twaa wɔn bo too wɔn yam sɛ:

7 Monhyɛ mo ho den na monyɛ nnam, munnsuro na mo bo nntu Asaria hene no anim ne n’asafo yuu a wɔka ne ho no anim, na nea ɔne yɛn wɔ hɔ so sen nea ɛne no wɔ hɔ.

8 Ɔno de, ɔhonam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn de, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn dɔm ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yuda hene Hesekia nsɛm no so.

9 Eyi akyi no, Asaria hene Senakerib somaa ne nkoa baa Yerusalem, na ɔno de, ɔne n’asraafo nyinaa abɔ Lakis ho nsra, na wɔbɛka kyerɛɛ Yuda hene Hesekia ne Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no nyinaa sɛ:

10 Sɛ Asaria hene Senakerib se ni: Mo a mote Yerusalem a wɔatwa ho ahyia, dɛn so na mo ani da?

11 So ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia daadaa mo, rebɛma ɔkɔm ne osukɔm akunkum mo na ɔka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn beyi yɛn Asiria hene nsam, no?

12 So ɛnyɛ ɔno Hesekia no ara na oyiyii ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka no, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔremuka biako anim na monsɔre, na ɛso na monhyew aduhuam no?

13 So munnya nhuu nea me ne m’agyanom ayeyɛ nsaase so amanaman nyinaa no? So nsaase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsaase no me nsam anaa?

14 Amanaman yi a m’agyanom asɛe wɔn pasaa no anyame nyinaa mu hena na watumi agye ne man me nsam, na mo nyame na obetumi agye mo me nsam?

15 Na afei mommma Hesekia nnsisi mo na ɔnnnaadaa mo sa, nanso munnnye no nnni, efisɛ ɔman anaa ahenni biara nyame biara ntumi nnyee ne man me nsam anaa m’agyanom nsam, na menne mo nyame no; na ɔrennye mo me nsam.

16 Nso ne nkoa no kasa kaa ho tiaa AWURADE Nyankopɔn ne n’akoa Hesekia.

17 Na ɔkyerɛw nhoma nso de bɛbɔɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no ahohora kaa ne ho asɛm sɛ: Sɛ nsaase so amanaman no anyame annye wɔn aman me nsam no, sɛ nso Hesekia nyame no renyi ne man me nsam ne no.

18 Na wɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu frɛɛ Yerusalem man a wɔwɔ ɔfasu so no, sɛ wɔreyi wɔn hu na wɔama wɔabobɔ piriw na wɔanya kurow no afaye.

19 Na wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn no sɛ asase so amanaman anyame a wɔyɛ onipa nsa ano adwuma no.

20 Na ɔhene Hesekia ne Amos ba odiyifo Yesaia bɔɔ eyi ho mpae na wɔteɛɛm kyerɛɛ ɔsoro.

21 Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfo bɛdwerɛw Asiria hene nsra mu nnɔmmarima akokodurufo ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwu san kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛn ne nyame fi, na ɛhɔ na ne yafumma bi de nkrante kum no.

22 Sɛɛ na AWURADE gyee Hesekia ne wɔn a wɔte Yerusalem no nkwa Asiria hene Senakerib ne nnipa nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho tɔɔ wɔn afa nyinaa hyiae.

23 Na nnipa bebree de ayɛyɛde brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenne brɛɛ Yuda hene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, eyinom akyi.


Hesekia yare ne n’anuonyampɛ, ne ne wu
( 2 Ahene 20.1-3 , 12-19 ; Yesaia 38.1-3 ; 39.1-8 )

24 Ɛbere no mu no, Hesekia yaree owuyare; na ɔbɔɔ AWURADE mpae, na obuaa no na ɔmaa no sɛnkyerɛnne bi.

25 Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia antua n’aboade, na ɔmaa ne ho so mmom, na abufuw baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so.

26 Na Hesekia san brɛɛ ne ho ase ne koma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfo nyinaa, na AWURADE abufuw no amma wɔn so Hesekia bere so.

27 Na Hesekia nyaa adedodow ne anuonyam bebree, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhuam ne akyɛm ne mfɛfɛwade nyinaa,

28 ne adekora adan maa awi ne nsa ne ngo nnɔbae, ne afieboa ahorow nyinaa adan, ne adan mu, mmoakuw.

29 Na ɔkyekyeree nkurow, na onyaa nguan ne anantwi akuwakuw bebree. Na Onyankopɔn maa no ade bebree pa ara.

30 Na ɔno Hesekia yi ara nso, siw Gihon nsu atifi fibea no ano, na ɔde nsu no nam mpumpunase baa Dawid kurow no atɔe fam. Na Hesekia dii yiye ne nneyɛe nyinaa mu.

31 Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wommebisa anwonwade a ɛyɛe asase no so no bae no, Onyankopɔn gyaw no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahu ne koma mu nyinaa.

32 Na Hesekia ho nsɛm nkae ne n’adɔeyɛ no, hwɛ, wɔakyerɛw Amos ba odiyifo Yesaia adehu mu, Yuda ne Israel ahene nhoma no mu.

33 Na Hesekia wui, na wosiee no, agyanom nkyɛn, Dawid mma asiei nea ɛkorɔn hɔ, na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa dii no ni wɔ ne wu mu. Na ne ba Manase bedii n’ade.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan