2 Berɛsosɛm 31 - KYERƐW KRONKRONƆhene Hesekia nsiesiei foforo 1 Na wowiee eyi nyinaa no, Israelfo a wohuu wɔn hɔ no nyinaa fii adi kɔɔ Yuda nkurow mu, na wokobubuu adum, na wotwitwaa Asera nnua, na woburuw sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka no, Yuda ne Benyamin nyinaa, ne nea ɛwɔ Efraim ne Manase no nso, de kosii sɛ wowiei. Ɛnna Israelfo no nyinaa san kokɔɔ wɔn de mu, wɔn nkurow mu. 2 Na Hesekia de asɔfo ne Lewifo no nkyekyem no sisii wɔn nkyekyem so, obiara sɛ ne som te, asɔfo no ne Lewifo no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre na wɔnsom na wɔnna ase nyi ayɛ AWURADE nsra apon mu. 3 Na ɔhyɛɛ ɔhene kyɛfa a efi n’ade mu maa ɔhyew afɔre no, anɔpa ne anwummere ɔhyew afɔre ne home nna ne asram foforo ne afahyɛ ɔhyew afɔre no, sɛ wɔakyerɛw AWURADE mmara mu no. 4 Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfo ne Lewifo no kyɛfa mma, na wɔaso AWURADE mmara no mu den. 5 Na asɛm no hyetae no, Israelfo no de awi ne nsa ne ngo ne ɛwo ne mfuw mu nnɔbae nyinaa mu adikanne bebree bae, na ade nyinaa mu ntotoso du du no nso, wɔde pii bae. 6 Na Israel ne Yudafo a wɔtete Yuda nkurow mu no, wɔn nso wɔde anantwi ne nguan mu ntotoso du du ne akronkronne a wɔayɛ no kronkron ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotoso du du bae, na wɔde beguu hɔ akuwakuw. 7 Ɔsram a ɛto so abiɛsa no so na wofii akuwakuw no ase, na ɔsram a ɛto so ason so na wowiei. 8 Ɛnna Hesekia ne mmapɔmma no bae behuu akuwakuw no, na wohyiraa AWURADE ne ne man Israel. 9 Na Hesekia bisaa asɔfo ne Lewifo no akuwakuw no ho asɛm. 10 Ɛnna Asaria, ɔsɔfo panyin a ofi Sadok fi no ka kyerɛɛ no sɛ: Efisɛ wofii ase de soma afɔrebɔde baa AWURADE fi no, yɛadidi amee, na pii aka, efisɛ AWURADE ahyira ne man, na nkae ne kuw kɛse yi. 11 Na Hesekia kae sɛ wonsiesie mpumpunu AWURADE fi; na wosiesiei, 12 na wɔde soma afɔrebɔde no ne ntotoso du du no ne akronkronne no hyɛɛ hɔ nokwaredi so. Na ɛso panyin ne Lewini Konania, na ne nua Simei di hɔ. 13 Na Yehiel ne Asasia ne Nahat ne Asahel ne Yerimot ne Yosabad ne Eliel ne Ismakia ne Mahat ne Benaia ne ɛso hwɛfo wɔ Konania ne ne nua Simei ase, sɛnea ɔhene Hesekia ne Onyankopɔn fi so panyin Asaria hyɛe no. 14 Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apuei pon no na ɔhwɛ Onyankopɔn ayamye ayɛyɛde no so, sɛ ɔde AWURADE soma afɔrebɔde ne akronkronne mu ade kronkron no. 15 Na n’ase na Eden ne Miniamin ne Yesua ne Semaia, Amaria ne Sekania hyɛ wɔ asɔfo nkurow no mu, nokwaredi so, sɛ wɔde bɛma wɔn nuanom, sɛnea nkyekyem no te, ɔkɛse de te sɛ akumaa de. 16 Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛ wɔn mmusua te, mmarima a wɔadi mfe abiɛsa de rekɔ, wɔn a wɔba AWURADE fi bɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara de te, sɛ wɔn nkyekyem te no; 17 ne asɔfo no nkanee de, sɛ wɔn mpanyimfi te, ne Lewifo no de nso, de fi nea wadi mfirihyia aduonu so de rekɔ, wɔn ahwɛde mu, wɔn nkyekyem mu; 18 ne wɔn mma nkumaa ne wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmabea nyinaa nkanee de nso, sɛ asafo no nyinaa te, efisɛ wɔn nokwaredi so na wɔyɛɛ akronkronne no ho ade. 19 Na Aaron mma, asɔfo no a wɔwɔ wɔn nkurow ho mfikyisaase so mfuw mu, mmarima a wɔabobɔ wɔn din wowɔ nkurow no nyinaa mmiako mmiako mu ma wɔn sɛ wɔmfa kyɛfa no mmoma asɔfo no mu mmarima nyinaa ne wɔn a wɔakan wɔn Lewifo no mu no nyinaa. 20 Na Hesekia yɛɛ saa ara Yuda nyinaa mu. Na ɔyɛɛ nea eye na ɛteɛ na ɛyɛ nokware AWURADE ne Nyankopɔn anim. 21 Na nneyɛe a ofii ase Onyankopɔn fi som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde ne koma nyinaa na ɛyɛe, na esii no yiye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana