Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 30 - KYERƐW KRONKRON


Twam afahyɛ no ho ahosiesie

1 Na Hesekia soma kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔkyerɛw nhoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fi Yerusalem, na wommedi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn.

2 Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne bagua no nyinaa tuu agyina Yerusalem sɛ wobedi Twam ɔsram a ɛto so abien no so.

3 Na wɔantumi anni bere no mu, efisɛ asɔfo no nnya nyɛɛ wɔn ho kronkron mma ɛnnɔɔso ɛ, na ɔman no nso nnya mmoaa wɔn ho ano Yerusalem ɛ.

4 Na nhyehyɛe no sɔɔ ɔhene ne bagua no nyinaa ani.

5 Na wɔhyɛɛ asɛm no so mmom sɛ wɔmpae Israel nyinaa mu mfi Beer-seba nkosi Dan, sɛ wɔmmra mmedi Twam mma AWURADE, Israel Nyankopɔn, wɔ Yerusalem, efisɛ wɔmmɔɔ mu nnii no sɛnea wɔakyerɛw no.

6 Na ammirikatufo de nhoma a efi ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no siim kɔe kokyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛ ɔhene mmara no te, kae sɛ: Israelfo, monsan mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no, nkyɛn, na ɔno nso asan aba wɔn a wɔafi mu aka ama mo afi Asaria ahene nsam no nkyɛn.

7 Na monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔfom AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn, na ɔde wɔn yɛɛ ɔsɛe ade, sɛnea mo ara muhu yi.

8 Afei munnsinsen mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo nsa mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekosi daa no, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyew no mfi mo ho nkɔ.

9 Na sɛ mosan ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborohunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no anim, na wɔasan aba asase yi so bio, na ɔdomfo ne mmɔborohunufo ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.

10 Ɛnna asomafo no, sen fii kurow mu kɔɔ kurow mu, Efraim ne Manase asase so de kosii Sebulon tɔnn. Na wɔsereserew wɔn na wodii wɔn ho fɛw.

11 Nanso ebinom a wofi Aser ne Manase ne Sebulon brɛɛ wɔn ho ase na wɔbaa Yerusalem.

12 Na Onyankopɔn nsa baa Yuda nso so sɛ ɔrema wɔn koma koro sɛ wonni ɔhene ne asafohene no ade a wɔde AWURADE asɛm hyɛe no so.

13 Na nkurɔfo bebree boaa wɔn ho ano Yerusalem sɛ wobedi apiti nnapɔnna no ɔsram a ɛto so abien no so, bagua kɛse pa ara.

14 Na wɔsɔre yiyii afɔremuka a ɛwowɔ Yerusalem no, na aduhuamhyew ade no nyinaa nso woyi kɔtow guu Kidron subon mu.

15 Ɛnna wokunkum Twam guan no ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui, na wɔyeyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔde ɔhyew afɔre baa AWURADE fi.

16 Na wokogyinagyinaa wɔn agyinae, sɛ wɔn atɔremude no te, Onyankopɔn nipa Mose mmara no mu. Na asɔfo no gyee mogya no Lewifo no nsam de petee.

17 Efisɛ nnipa bebree wɔ bagua no mu a wonnya nyɛɛ wɔn ho kronkron, na Lewifo no de Twam guan no kum ara na wokum ma wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa, sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.

18 Na ɔman no mu dodow, nnipa bebree a wofi Efraim ne Manase ne Isakar ne Sebulon, annya annwira wɔn ho, na wodii Twam no, nso ɛnyɛ sɛnea wɔakyerɛw no. Nso Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na ɔkae sɛ: AWURADE a wuye, fa kyɛ

19 obiara a wasiesie ne koma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so mpo a.

20 Na AWURADE tiee Hesekia, na ɔsaa ɔman no yare.

21 Na Israelfo a wohuu wɔn Yerusalem no dii apiti nnapɔnna no nnansɔn anigye kɛse mu, na Lewifo ne asɔfo no de AWURADE asanku no yii AWURADE ayɛ nna nyinaa.

22 Na Hesekia kaa Lewifo a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wodii afahyɛ afɔrebɔde no nnansɔn, na wɔbobɔɔ asomdwoe afɔre, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

23 Na bagua no nyinaa tuu agyina, sɛ wobedi nnansɔn foforo nso, na wɔde anigye dii nnansɔn no bio.

24 Na ɔhene Hesekia yii anantwinini apem ne nguan mpemnsɔn maa bagua no, na mmapɔmma no nso yii anantwi apem ne nguan ɔpedu maa bagua no. Na asɔfo bebree yɛɛ wɔn ho kronkron.

25 Na Yuda bagua no nyinaa ne asɔfo ne Lewifo no ne asafo a wofi Israel bae no nyinaa nso, ahɔho a wofi Israel asase so bae no ne wɔn a wɔte Yuda no ani gyei.

26 Na anigye bebree a efi Israel hene Solomon, Dawid ba no bere so, ɛmaa saa da Yerusalem, baa Yerusalem.

27 Ɛnna asɔfo ne Lewifo no sɔree na wohyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duu ne tenabea kronkron ɔsoro.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan