Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 3 - KYERƐW KRONKRON


Asɔrefi no si

1 Na Solomon fii ase sii AWURADE fi no Moria bepɔw a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛe, Yebusini Ornan awiporowbea hɔ

2 Na ofii ase sii, ɔsram a ɛto so abien da a ɛto so abien, n’ahenni afe a ɛto so anan mu.

3 Na eyi ne ase a Solomon hyɛe sɛ ɔresi AWURADE dan no: N’atwemu si kan nsusuwii no mu basafa aduasa, na ne trɛw nso basafa du.

4 Na ntwironoa a ɛwɔ ɔdan no trɛw anim no, ne ntwemu si basafa du, na ne korɔn basafa aduosia. Na ɔde sika amapa duraa emu fam.

5 Na ɔdan kɛse no, ɔde ɔpopaw nnua kataa ho, na ɔde sika pa kataa ho, na odidii so adwinni: Mmɛ ne ntweaban.

6 Na ɔde abo a ne bo yɛ den duraa ɔdan no ho sɛ ahyehyɛde. Na sika no yɛ Parwaim sika.

7 Na ɔde sika kataa ɔdan no mpuran, apongua, n’afasu ne n’apon ntanta no ho. Na oyiyii kerubim nsamaa afasu no ho.

8 Na ɔyɛɛ kronkronbea dan no, ne ntwemu, sɛnea ɔdan no trɛw te, esi basafa du, na ne trɛw si basafa du, na ɔde sika pa a ano si dwetikɛse ahansia kataa ho.

9 Na nea wɔkarii de yɛɛ nnadewa no ano si sika nnwetɛbona aduonum. Na ɔsoro adan no nso, ɔde sika kataa ho.

10 Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde osen adwuma yɛɛ kerub abien, na ɔde sika duraa ho.

11 Na kerubim no ntaban atwemu si basafa du, obiako ntaban biako si basafa abien ne fa, na ɛka ɔfasu, ntaban biako no nso si basafa anum na ɛka kerub biako no ntaban.

12 Na kerub biako no nso ntaban si basafa abien ne fa, na ɛka ɔdan no fasu no, na ntaban biako no nso si basafa abien ne fa, na ɛpem kerub biako no ntaban no.

13 Kerubim yi ntaban a wɔatrɛw mu no si basafa du, na wogyinagyina wɔn anan so, na wɔn ani kyerɛkyerɛ ɔdan no.

14 Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛberedum ne adidi ne nwera yɛɛ mmɔɔhɔɔ, na ɔyeyɛɛ mu kerubim.

15 Na ɔyeyɛɛ ɔdan no anim adum abien, n’atenten basafa dunsɔn ne fa, na aduntiri a ɛwɔ atifi no basafa abien ne fa.

16 Na ɔyɛɛ ntweaban mpiakyiri no mu, na ɔde sensɛn adum no atifi, na ɔyeyɛɛ atea aba sɛso ɔha hyehyɛɛ ntweaban no mu.

17 Na ɔmomaa adum no so sisii asɔredan no anim, biako wɔ nifa, na biako wɔ benkum fam. Na ɔtoo nifa de no: Yakin, na benkum de no, ɔtoo no: Boas.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan