Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 29 - KYERƐW KRONKRON


Hesekia sesɛw asɔrefi no foforo
( 2 Ahene 18.1-3 )

1 Hesekia bedii hene no, na wadi mfe aduonu anum, na odii hene mfirihyia aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Abigya, Sakaria ba.

2 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid yɛe no ara.

3 Ɔno de, n’ahenni afe a edi kan no mu, ɔsram a edi kan no so na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no, na omiamiaa mu.

4 Na ɔde asɔfo ne Lewifo no baa mu, na ɔboaboaa wɔn ano apuei mprae no so,

5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifo, muntie me, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fi kronkron, na munyiyi fi no mfi kronkronbea hɔ.

6 Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wogyaw no, na woyii wɔn ani fii AWURADE tenabea ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no.

7 Nso wɔtotoo ntwironoa no apon mu, na wodunnum akanea no, na wɔanhyew aduhuam, na ɔhyew afɔre nso wɔammɔ kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no.

8 Enti na AWURADE abufuw baa Yuda ne Yerusalem so, na ɔde wɔn yɛɛ ahoyerawde ne ahodwiriwde ne hwiremabɔ, sɛnea mo ara mode mo aniwa hu yi.

9 Na hwɛ, yɛn agyanom atotɔ afoa ano, na yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ne yɛn yerenom no, eyi nti wɔafa wɔn nnommum kɔ.

10 Afei ɛwɔ me koma mu, sɛ me ne AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɛpam, na n’abufuhyew no afi yɛn ho akɔ.

11 Me mma, afei monnyɛ anihaw, na mo na AWURADE apaw mo sɛ munnyina n’anim nsom no, na monyɛ no asomfo ne aduhuamhyewfo.

12 Ɛnna Lewifo no sɔree: Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wofi Kohatfo mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfo no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden;

13 ne Elisafan mma mu: Simri ne Yeiel; ne Asaf mma mu: Sakaria ne Matania;

14 ne Heman mma mu: Yehiel ne Simei; ne Yedutun mma mu: Semaia ne Usiel.

15 Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbae sɛnea ɔhene hyɛe AWURADE nsɛm so no, sɛ wɔrebɛpopa AWURADE fi no mu.

16 Na asɔfo no hyɛn AWURADE fi no mu sɛ wɔrekɔpopa mu, na woyiyii fi a wohui AWURADE asɔredan no mu no nyinaa de baa AWURADE fi abangua no so, na Lewifo no sesaw fii hɔ, na wɔkɔtow guu Kidron subon no mu.

17 Na ɔsram a edi kan no da a edi kan no na wofii kronkronyɛ ase, na ɔsram no da a ɛto so awotwe no, woduu AWURADE ntwironoa no ho, na wɔyɛɛ AWURADE fi no kronkron nnawɔtwe; na ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunsia no, wowiei.

18 Ɛnna wɔhyɛn mu baa ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yɛapopa AWURADE fi hɔ nyinaa, ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho ade nyinaa, ne nsiesiei pon no ne ɛho nneɛma nyinaa ho;

19 na nneɛma a ɔhene Ahas di hene no, ɔtow gui, ne mmarato mu no nyinaa nso, yɛasiesie na yɛadwira ho, na hwɛ, ɛwowɔ AWURADE afɔremuka no anim.

20 Ɛnna ɔhene Hesekia tuaa ahema boaboaa kurow no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fi.

21 Na wɔde anantwinini ason ne adwennini ason ne nguammaa ason ne mpapo ason kɔbɔɔ bɔne ho afɔre maa ahenni no ne kronkronbea no ne Yuda; na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfo no, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre AWURADE afɔremuka no so.

22 Na wokunkum anantwi no, na asɔfo no sɔw mogya no, na wɔde petee afɔremuka no so, na wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so, na wokunkum nguammaa no de wɔn mogya petee afɔremuka no so.

23 Na wɔde bɔne ho afɔre mpapo no baa ɔhene ne bagua no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so.

24 Na asɔfo no kunkum wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔre guu afɔremuka no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa, na ɔhene no kae se ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre no yɛ wɔn dea.

25 Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.

26 Na Lewifo no de Dawid asanku no gyinagyina hɔ, na asɔfo no nso de ntorobɛnto.

27 Na Hesekia kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre afɔremuka no so. Na ɛbere a wofii ɔhyew afɔre bɔ no ase no, AWURADE dwom ne ntorobɛntohyɛn nso fii ase Israel hene Dawid asanku no so.

28 Na bagua no nyinaa kotokotowee, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto ara de kosii sɛ wowiee ɔhyew afɔre no bɔ.

29 Na wowiee ɔhyew afɔre no bɔ no, ɔhene ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotokotow sɔree.

30 Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.

31 Na Hesekia buae sɛ: Afei moahyehyɛ mo nsa amaama ama AWURADE, muntwiw mmɛn, na momfa okum afɔre ne aseda afɔre mmra AWURADE fi. Na bagua no de okum afɔre ne aseda afɔre bae, na obiara a ɔwɔ ayamye koma no de ɔhyew afɔre bae.

32 Na ɔhyew afɔre a bagua no de bae no ano si anantwi aduɔsɔn, adwennini ɔha, nguammaa ahannu. Eyi nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyew afɔre.

33 Na akronkronne no yɛ anantwi ahansia ne nguan mpensa.

34 Nanso na asɔfo no nnɔɔso nti, wɔn nko antumi angua ɔhyew afɔre no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ wowiee adwuma no ansa na asɔfo no yɛɛ wɔn ho kronkron. Efisɛ Lewifo no koma teɛ sen asɔfo no, wɔn ho kronkronyɛ no mu.

35 Nanso ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade ne ahwiesa a ɛka ɔhyew afɔre no ho dɔɔso bebree. Ɛnna wosiesiee AWURADE fi som no.

36 Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyei sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, efisɛ ɔhareso na wɔyɛɛ ade yi.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan