Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 28 - KYERƐW KRONKRON


Ahas nniso bɔne
( 2 Ahene 16.1-4 )

1 Ahas dii mfe aduonu na obedii hene, na odii hene mfe dunsia Yerusalem. Na wanyɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.

2 Na ɔnantew Israel ahene akwan so, na ɔyeyɛɛ gu ahoni nso maa Baalim.

3 Na ɔhyew aduhuam Hinom ba bon no mu, na ɔhyew ne mma ogya mu sɛnea akyide a amanaman a AWURADE tutuu wɔn fii Israelfo anim no yɛe no te no.

4 Na ɔbobɔɔ afɔre na ɔhyehyew nnuhuam sorɔnsorɔmmea ne nkoko so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.

5 Ɛnna AWURADE ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siria hene nsa, na wɔkaa no gui, na wɔfaa ne nnipa mu pii nnommum, na wɔde wɔn kɔɔ Damasko. Nanso ɔde no hyɛɛ Israel hene nsa, na ɔde okunkɛse kaa no gui.

6 Na Remalia ba Peka, kunkum Yuda mu nnipa ɔpeha aduonu da koro, mmarima akokodurufo, sɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no ntia.

7 Na Sikri, Efraim dɔmmarima bi, kum ɔhene ba Maaseia ne ahemfi bapɔmma Asrikam ne Elkana a odi ɔhene akyi.

8 Na Israelfo no faa wɔn nuanom mu nnipa ɔpehanu nnommum, mmea, mmammarima ne mmabea, na wɔfom wɔn asade bebree, na wɔde asade no kɔɔ Samaria.

9 Na AWURADE diyifo bi wɔ hɔ a ne din de Oded. Na ofii adi kohyiaa dɔm a wɔreba Samaria no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no abufuw a ɛsɔre hyɛɛ Yuda no nti na ɔde wɔn ahyɛ mo nsa, na mode abohuru a edu soro akunkum wɔn.

10 Na afei, Yuda ne Yerusalemfo no na muse moredi wɔn nya ayɛ nkoa ne mfenaa yi? So mo de, ɛnyɛ mo ara na ɛso deda mo so AWURADE mo Nyankopɔn fam?

11 Na afei, muntie me, na momma nnommum a mofofaa wɔn fii mo nuanom mu no nsan nkɔ, na AWURADE abufuhyew asɔre ahyɛ mo.

12 Ɛnna Efraimfo atitiriw mu binom, Yohanan ba Asaria, Mesilemot ba Berekia ne Salum ba Yehiskia ne Hadlai ba Amasa sɔresɔre hyɛɛ wɔn a wofi sa bae no,

13 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa nnommum no mmma ha, na mudwen nea ɛde AWURADE anim asodi bɛba de abɛpae yɛn bɔne ne yɛn asodi dedaw no so, efisɛ yɛn asodi dɔɔso ma yɛn, na AWURADE abufuhyew wɔ Israel so.

14 Ɛnna wɔn a wɔamia no gyaw nnommum no ne asade no, asafohene no ne bagua no nyinaa anim.

15 Na mmarima a wɔabobɔ wɔn din no sɔresɔree, na wosusoo nnommum no nsa, na wɔn mu wɔn a wɔdeda adagyaw no, wɔde asade no mu atam bi furafuraa wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ntade ne mpaboa, na wɔmomaa wɔn aduan dii, ne nsu nomee, na wɔsrasraa wɔn, na wɔde wɔn a wontumi nnantew nyinaa tenatenaa mfurum so, na wɔde wɔn baa Yeriko, mmɛ kurow no mu wɔn nuanom nkyɛn; na wɔsan kɔɔ Samaria.

16 Ɛbere no mu, ɔhene Ahas soma kɔɔ Asaria ahene nkyɛn sɛ wɔmmɛboa no.

17 Na Edomfo nso bae, na wobekunkum Yuda mu binom, na wɔfofaa nnommum.

18 Na Filistifo nso beguu tataw so ne Yuda nifa fam nkurow so, na wogyee Bet-semes ne Ayalon ne Gederot ne Soko ne ɛho nkurowa ne Timna ne ɛho nkurowa ne Gimso ne ɛho nkurowa, na wɔtenatenaa hɔ.

19 Na esiane sɛ Israel hene Ahas ayɛ Yuda mu bisibasaa, na wafom AWURADE nti, AWURADE brɛɛ Yuda ase.

20 Na Asaria hene Tilgat-pilneser baa no so behiahiaa no ho, na wanhyɛ no den,

21 na Ahas kɔfaa AWURADE fi no ne ɔhene ne mmapɔmma no fi ade, na ɔde maa Asaria hene; nanso ammoa no.

22 Na n’ahohia bere mu no ɔhene Ahas no ara kɔɔ so fom AWURADE,

23 na ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wɔkaa no gui no, na ɔkae sɛ: Siria ahene no anyame na wɔboa wɔn nti, wɔn na mɛbɔ wɔn afɔre na wɔaboa me. Nso wɔn na wɔyeyɛɛ ɔno ne Israel nyinaa hintidua.

24 Na Ahas boaboaa Onyankopɔn fi nnwinne ano, na otwitwaa Onyankopɔn fi nnwinne no mu, na ɔtotoo AWURADE fi apon no mu. Na osisii afɔremuka Yerusalem twea nyinaa so.

25 Na ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda nkurow nyinaa mu, sɛ wɔnhyew aduhuam mma anyame foforo, na ohuruu AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no, bo.

26 Na ne ho nsɛm nkae ne n’akwan nyinaa, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔakyerɛw Yuda ne Israel ahene nhoma no mu.

27 Na Ahas wui, na wosiee no n’agyanom nkyɛn wɔ Yerusalem kurow no mu; na wɔamfa no ankɔ Israel ahene asiei. Na ne ba Hesekia bedii n’ade.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan