2 Berɛsosɛm 26 - KYERƐW KRONKRONUsia ahenni mfiase pa ( 2 Ahene 14.21-22 ; 15.1-7 ) 1 Na Yuda man no nyinaa faa Usia, na wadi mfirihyia dunsia, na wosii no hene sii n’agya Amasia ananmu. 2 Ɔno na ɔkyekyee Elot, na ɔdan maa Yuda bere a ɔhene no ne n’agyanom nkɔ asaman no. 3 Usia dii mfe dunsia na obedii hene, na odii hene mfe aduonu abien Yerusalem. Na ne na din de Yekalia, ofi Yerusalem. 4 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Amasia yɛe no ara. 5 Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Onyankopɔn adehu mu nhumufo no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn ma odii yiye. 6 Na ofii adi ne Filistifo kɔkoe, na obubuu Gat fasu ne Yabne fasu ne Asdod fasu, na ɔkyekyee nkurow wɔ Asdod ne Filistifo no mu. 7 Na Onyankopɔn boaa no hyɛɛ Filistifo ne Arabiafo a wɔtete Gur-baal ne Meunifo no. 8 Na Amonfo de ayɛyɛde brɛɛ Usia, na ne din hyehye koduu Misraim, na ne ho yɛɛ den kɔɔ so pa ara. 9 Na Usia totoo aban atenten Yerusalem, twea pon no so ne obon pon no so ne emu fam twea no so, na ɔhyehyɛɛ no den. 10 Na ɔtotoo aban atenten nso sare so, na otutuu mmura pii, efisɛ ɔwɔ mmoakuw bebree tataw ne asasetaw so. Ɔwɔ akuafo ne bobe turoyɛfo, mmepɔw so ne Karmel so, efisɛ ɔpɛ kua. 11 Na Usia wɔ dɔm a wodi ako a wotu sa asafo so, sɛ wɔn nkanee a wɔnam ɔkyerɛwfo Yeiel ne ɔpanyin Maaseia so kan wɔn no ano te, wɔn nso na wɔhyɛ Hanania a ofi ɔhene asafohene no mu no ase. 12 Agyanom atitiriw a wɔwɔ mmarima akofo no mu no nyinaa ano si mpennu ahansia. 13 Na dɔm a wɔyɛ akokodurufo a wɔhyɛ wɔn ase no ano si ɔpehasa ne mpemnsɔn ahanum, akofo a wɔwɔ tumi ne ahoɔden de boa ɔhene hyɛ atamfo. 14 Wɔn na Usia siesiee akyɛm ne mpeaw ne nnadekyɛw ne nkatabo ne atadua ne ntaaboo maa wɔn, sɛ wɔmfa mma dɔm no nyinaa. 15 Na ɔyɛɛ adetow afiri a ɛyɛ adwumfo adwinni Yerusalem, sɛ ensisi aban atenten so ne afasu twea so, na wɔmfa ntotow agyan ne abo akɛse. Na ne din hyetae kɔɔ akyirikyiri pa ara, na onyaa ɔboa a ɛyɛ nwonwa kosii sɛ ne ho yɛɛ den. Usia fom asɔfo 16 Na ne ho yɛɛ den no, ɛhoran no ma ɔsɛee, na ɔfom AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔhyɛn AWURADE asɔredan mu sɛ ɔrekɔhyew aduhuam, aduhuamhyew muka no so. 17 Na ɔsɔfo Asaria dii n’akyi, na AWURADE asɔfo aduɔwɔtwe, nnipa a wotumi ka ne ho. 18 Na wokogyinae ne ɔhene Usia dii asi, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo de sɛ wobɛhyew aduhuam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfo, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhyew aduhuam no dea. Fi adi fi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim. 19 Na Usia bo fuwii, na aduhuamhyew ade no kura ne nsam sɛ ɔde rebɛhyew aduhuam no. Na ɔfaa asɔfo no abufuw no, kwata fifii ne moma so, asɔfo no anim, AWURADE fi hɔ, aduhuamhyew muka no ho. 20 Na ɔsɔfo panyin Asaria dan n’ani kyerɛɛ no, ɔne asɔfo no nyinaa, na hwɛ, wayare kwata ne moma so, na wopiapiaa no fii hɔ, na ɔno ara nso yɛɛ ntɛm fii adi, efisɛ AWURADE aka no. 21 Na ɔhene Usia yaree kwata kosii ne wuda, na ɔtenaa ayarefo fi sɛ ɔkwatani, na wosiw no AWURADE fi kwan. Na ne ba Yotam dii ɔhene fi no so, na ɔyɛɛ odikanfo maa asase no sofo no nyinaa. 22 Na Usia ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, Amos ba odiyifo Yesaia akyerɛw. 23 Na Usia ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no n’agyanom nkyɛn, ahene asiei asase no so, na wɔkae sɛ: Ɔyaree kwata. Na ne ba Yotam bedii n’ade. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana