2 Berɛsosɛm 25 - KYERƐW KRONKRONYuda hene Amasia ( 2 Ahene 14.2-6 ) 1 Amasia dii mfe aduonu anum na obedii hene, na odii hene mfirihyia aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan, ofi Yerusalem. 2 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ ne koma pɛyɛ mu. 3 Na ahenni no timii no so no, okunkum ne nkoa a wokum n’agya, ɔhene no. 4 Na wɔn mma de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu, Mose nhoma no mu a AWURADE hyɛe sɛ: Agyanom nnwu, mma nti, na mma nso nnwu, agyanom nti, na onipa ankasa bɔne nti na wɔmma onwu. 5 Na Amasia boaboaa Yuda ano hyiae, na wɔde wɔn gyinagyinae, mpanyimfi so ne mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene so, Yuda ne Benyamin nyinaa mu, na ɔkan wɔn fi wɔn a wɔadi mfe aduonu ne akyiri so. Na ohuu wɔn sɛ wosi nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehasa a wotumi ɔsatu, kura mpeaw ne akyɛm. 6 Nanso ɔde dwetɛ dwetikɛse ɔha kɔbɔɔ Israel mu nnipa ɔpeha a wɔyɛ mmarima akokodurufo. 7 Na Onyankopɔn nipa bi baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Ɔhene, mma Israel dɔm no ne wo nnkɔ, na AWURADE nni Israel, Efraim mma no nyinaa, akyi; 8 nanso sɛ wususuw sɛ woyɛ saa a na wubenya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; efisɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe ase. 9 Ɛnna Amasia ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdɛn na wɔnyɛ dwetikɛse ɔha a mede mama Israel asafo no? Na Onyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo ade pii asen eyi. 10 Na Amasia paee asafo a wofi Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkokɔ wɔn tenabea. Na wɔn bo fuw Yuda sɛ, na wɔde abufuhyew san kokɔɔ wɔn tenabea. 11 Na Amasia hyɛɛ ne ho den, na ɔde ne dɔm no kɔɔ Nkyene-bon no mu, na okokum Seirfo no mu nnipa ɔpedu. 12 Na wɔn mu nnipa ɔpedu nso, Yudafo no faa wɔn nnommum animono, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotow wɔn fii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee. 13 Na asafo a Amasia ma wɔsanee sɛ wɔne no nnkɔ ɔsa no mma koguu Yuda nkurow so fi Samaria koduu Bet-horon, na wokunkum wɔn mu nnipa mpensa, na wɔfow ade bebree. 14 Na Amasia fi Edomfo kum san bae no, ɔde Seirfo anyame bae, na ɔde besisii hɔ sɛ anyame, na ɔkotow wɔn anim, na ɔhyew aduhuam maa wɔn. 15 Ɛnna AWURADE abufuw sɔre hyɛɛ Amasia, na ɔsomaa odiyifo bi baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfi wo nsam no? 16 Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: So wɔahyɛ wo ɔhene fotufo? Gyae! Ɛdɛn nti na wonkum wo? Na odiyifo no gyaee, na ɔkae sɛ: Mahu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woayɛ eyi, na woantie m’afotu no. 17 Ɛnna Yuda hene Amasia tuu agyina, na ɔsomaa Israel hene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba Yehu ba nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ wɔ ɔko mu. 18 Na Israel hene Yoas soma kɔɔ Yuda hene Amasia nkyɛn sɛ: Nsɔe dua a ɛwɔ Lebanon no soma kɔɔ kyeneduru a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo ba ma me ba nware. Na wuram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sen betiatiaa nsɔe dua no so. 19 Wuse: Hwɛ, woakum Edom, na wo koma ama wo so sɛ worehwehwɛ anuonyam. Afei tena wo fi. Ɛdɛn nti na wo ne mmusu rebedi aperepere na woahwe ase, wo ne Yuda nyinaa? 20 Na Amasia antie, efisɛ Onyankopɔn nsam na efi, sɛ ɔde wɔn bɛhyɛ obi nsa, sɛ wɔahwehwɛ Edom anyame no ntia. 21 Na Israel hene Yoas foro bae, na wɔde bɛbɔɔ anim, ɔno ne Yuda hene Amasia, wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea no. 22 Na Yuda gui Israel anim, na woguanguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu. 23 Na Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yehoahas ba Yoas ba de, Israel hene Yoas kyeree no Bet-semes, na ɔde no baa Yerusalem, na oburuu Yerusalem fasu no fi Efraim pon ho de kosii twea pon no ho, basafa ahanu. 24 Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinne a wohui Onyankopɔn fi Obed-edom nsam no nyinaa, ne ahemfi akorade no ne nnɔnwowa, na ɔsan kɔɔ Samaria. 25 Na Yuda hene Amasia a ɔyɛ Yoas ba dii mfirihyia dunum, Israel hene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba no wu akyi. 26 Na Amasia ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔankyerɛw Yuda ne Israel ahene nhoma no mu anaa? 27 Na efi bere a Amasia san fii AWURADE akyi no, wɔpam ne tiri so Yerusalem, na oguan kɔɔ Lakis, na wɔsoma tiw no kɔɔ Lakis kokum no wɔ hɔ. 28 Na wɔsoaa no apɔnkɔ so bae, na wobesiee no n’agyanom nkyɛn Yuda kurow no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana