2 Berɛsosɛm 24 - KYERƐW KRONKRONYoas nneyɛe pa 1 Yoas dii mfe ason na obedii hene, na odii hene mfe aduanan Yerusalem, na ne na din de Sibia, ofi Beer-seba. 2 Na Yoas yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, ɔsɔfo Yehoiada bere no so nyinaa. 3 Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwowoo mmammarima ne mmabea. 4 Na ɛno akyi no, ɛbaa Yoas koma mu sɛ ɔbɛpompam AWURADE fi no foforo. 5 Na ɔboaboaa asɔfo no ne Lewifo no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi adi nkɔ Yuda nkurow so, na monkɔboa dwetɛ ano mfi Israel nyinaa nsam, na wɔmfa mpompam mo Nyankopɔn fi no daa afe; na mo de, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifo no ho anyɛ hare. 6 Ɛnna ɔhene no frɛɛ ɔpanyin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na womma Lewifo no nnye Yuda ne Yerusalem tow a AWURADE akoa Mose ne Israel bagua no hyɛ maa adanse ntamadan no? 7 Na Atalia, ɔbɔnefo no, ne mma atetew Onyankopɔn fi no mu, na AWURADE fi akronkronne nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim. 8 Na ɔhene no kae ma wɔpam adaka biako na wɔde sii AWURADE fi pon ano wɔ adiwo, 9 na wɔpaee Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Onyankopɔn akoa Mose tow a ɔde too Israel so, sare so no, mmrɛ AWURADE. 10 Na mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa ani gyei; na wɔde bae beguu adaka no mu ara kosii sɛ ɛyɛɛ ma. 11 Na bere biara a Lewifo no behu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu na wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ so no, ɔhene kyerɛwfo ne nea ɔsɔfo panyin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ so no ba behwie fi adaka no mu, na wɔma so san de kosi ne sibea. Saa na wɔyɛ da biara da, na wɔboaboaa sika bebree ano. 12 Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fi som adwuma no, na wɔde bobɔɔ abopaefo ne adwumfo paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fi no foforo, ne dade ne kɔbere adwumfo nso, sɛ wommiamia AWURADE fi no mu. 13 Na wɔn a wɔyɛ adwuma no yɛe, na ɔpompam adwuma no kɔɔ so, wɔn nsam, na wɔde Onyankopɔn fi no sii hɔ ma ɛyɛɛ yiye na ɛyɛɛ den. 14 Na wowiei no, wɔde sika no nkae baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yeyɛɛ nneɛma maa AWURADE fi, ɔsom ne ɔhyew afɔre no ho nneɛma ne nkora ne sika ne dwetɛ nneɛma no. Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre AWURADE fi daa, Yehoiada bere no so nyinaa. 15 Na Yehoiada bɔɔ akora na nna mee no, na owui. Na owui no, na wadi mfirihyia ɔha aduasa. 16 Na wokosiee no Dawid kurow mu, ahene no nkyɛn, efisɛ odii asɛm pa, Israel ne Nyankopɔn ne ne fi no ho. Yoas wae fi Onyankopɔn ho 17 Na Yehoiada wu akyi no, Yuda mmapɔmma bae bɛkotow ɔhene no. Ɛnna ɔhene tiee wɔn. 18 Na wogyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fi, na wɔkɔsom Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodi yi nti abufuw baa Yuda ne Yerusalem so. 19 Na ɔsomaa adiyifo baa wɔn mu sɛ wɔmmɛsan wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wodii wɔn adanse, nanso wɔantie. 20 Na Onyankopɔn honhom baa ɔsɔfo Yehoiada ba Sakaria so, na okogyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn se ni: Ɛdɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yiye. Sɛ moagyaw AWURADE yi, ɔno nso agyaw mo. 21 Na wɔpam ne tiri so, na wokosiw no abo, sɛ ɔhene hyɛe no, AWURADE fi abangua so. 22 Na ɔhene Yoas ankae adɔe a n’agya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne ba no. Na ɔrewu no, ɔkae sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were. Yoas asotwe ne ne wu 23 Na afe no dui no, Siriafo dɔm tu baa no so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa fii ɔman no mu, na wɔn asade no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene. 24 Na nnipa kakraa bi na Siriafo dɔm de bae, nanso AWURADE de dɔm kɛse pa ara hyɛɛ wɔn nsa, efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm. 25 Na wofii no so siim kɔe no, efisɛ wogyaw no apirakuru bebree mu, ne nkoa pam ne tiri so, ɔsɔfo Yehoiada mma no mogya nti, na wokokum no ne mpa so, na owui. Na wosiee no Dawid kurow mu, na nso wɔansie no ahene no asiei. 26 Na wɔn a wɔpam ne tiri so no ni: Sabad, Amonni bea Simat ba, ne Yehosabad, Moabni bea Simrit ba. 27 Na ne mma no, ne tow dodow a wogyee, ne Onyankopɔn fi pempam no, hwɛ, wɔakyerɛw no ahene nhoma nkyerɛase no mu. Na ne ba Amasia bedii n’ade. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana