2 Berɛsosɛm 23 - KYERƐW KRONKRONWɔsra ɔhene foforo ngo ( 2 Ahene 11.4-16 ) 1 Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada hyɛɛ ne ho den, na ɔfaa ɔha ha so asafohene, Yeroham ba Asaria ne Yohanan ba Ismael ne Obed ba Asariahu ne Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat ma wɔne no pamee. 2 Na wokyinii Yuda, na wɔboaboaa Lewifo no ano fi Yuda nkurow nyinaa mu, ne Israel agyanom atitiriw no, na wobehyiaa Yerusalem. 3 Na bagua no nyinaa ne ɔhene pamee Onyankopɔn fi. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na obedi hene, sɛnea AWURADE aka Dawid mma ho no. 4 Ade a monyɛ ni: Mo mu asɔfo ne Lewifo a wɔba asɔrefi homeda no mu nkyɛmu abiɛsa mu biako mmɛyɛ aponanohwɛfo; 5 na nkyɛmu biako ntena ɔhene fi, na nkyɛmu biako nso ntena nnyinaso pon no ano na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fi abangua no so. 6 Na obi nnhyɛn AWURADE fi gye asɔfo ne Lewifo mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛn mu, efisɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahwɛde no. 7 Na Lewifo no ntwa ɔhene ho nhyia, wɔn akode nkurakura wɔn nsam; na nea ɔhyɛn ofie hɔ no, wonkum no; na wɔntena ɔhene no ho, n’adifi ne ne muba mu. 8 Na Lewifo no ne Yuda nyinaa yɛe sɛnea ɔsɔfo Yehoiada hyɛe no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefi homeda ne wɔn a ɛrepɔn adwuma homeda no bae, efisɛ ɔsɔfo Yehoiada amma wɔn a ɛrepɔn no ampɔn. 9 Na ɔsɔfo Yehoiada de ɔhene Dawid mpeaw ne akyɛm akɛse ne nkumaa a ɛwowɔ Onyankopɔn fi no momaa ɔha ha so asafohene no. 10 Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wokurakura wɔn akode, efi ɔdan no nifa twea so kosi ɔdan no benkum twea so, afɔremuka no ne ɔdan no ho, twaa ɔhene no ho hyiae. 11 Na woyii ɔhene ba no fii adi, na wɔde ahemmotiri no bɔɔ ne ti, na wɔde adanse no maa no, na wosii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no, na wɔkae sɛ: Ɔhene tiri nkwa! Wokum Atalia 12 Ɛnna Atalia tee ɔman a wɔretu mmirika na wɔreyi ɔhene ayɛ no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfo no nkyɛn AWURADE fi, 13 na obehui, na hwɛ, ɔhene no gyina n’agyinae abobow ano, na asafohene ne ntorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfo nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛn ntorobɛnto, na nnwontofo no de asanku rebɔ ayeyi nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atade mu, na ɔkae sɛ: Atirisopam, atirisopam! 14 Na Yehoiada yii ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no so no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi no mfi nkɔ nkyerɛpɛn no mu, na nea obedi n’akyi no, wonkum no nkrante ano. Na ɔsɔfo no se: Munnkum no AWURADE fi. 15 Na wosoo no mu de no kɔɔ apɔnkɔ pon no ano, ahemfi, na wokum no wɔ hɔ. Wogu Baal som ( 2 Ahene 11.17-20 ) 16 Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man. 17 Na ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fi koburuwii, na n’afɔremuka ne n’ahoni no, wobubui, na Baal sɔfo Matan nso, wokum no afɔremuka no anim. 18 Na Yehoiada siesiee AWURADE fi hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfo a wɔne Lewifo a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fi so no nsa, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyew afɔre, na sɛnea wɔakyerɛw Mose mmara mu no, wɔnyɛ no anigye ne dwonto mu sɛ Dawid hyehyɛe no. 19 Nanso ɔde aponanohwɛfo gyinagyinaa AWURADE fi apon no ano, na nea ne ho akum, asɛm biara mu, anhyɛn mu. 20 Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne abirempɔn no ne ɔman no sodifo ne asase no sofo nyinaa, na ɔde ɔhene no fii AWURADE fi sianee, na wɔbaa ɔhene fi pon a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahenni agua no so. 21 Na asase no sofo nyinaa ani gyei, na kurow no mu dwoe. Na Atalia de, wɔde nkrante kum no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana