2 Berɛsosɛm 22 - KYERƐW KRONKRONAhasia nniso ne ne wu ( 2 Ahene 8.25-29 ; 9.21-28 ) 1 Na Yerusalemfo de ne ba akumaa Ahasia sii hene n’ananmu, efisɛ ne mma mpanyin no nyinaa, afowfo asafo a wɔbaa nsram, Arabiafo no mu no kunkum wɔn. Na Yehoram ba Ahasia dii Yuda hene. 2 Ahasia dii mfe aduanan abien na obedii hene, na odii hene afe biako Yerusalem. Na ne na din de Atalia, Omri ba. 3 Ɔno nso nantew Ahab fi akwan so, efisɛ ne na tuu no fo sɛ onni asɛmmɔne. 4 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fi, efisɛ n’agya wu akyi no, wɔn na wotuu no fo na ɛma ɔsɛee. 5 Wɔn afotu nso so na ɔnam kɔe, na ɔne Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba kɔɔ ɔsa ne Siria hene Hasael kɔkoe Ramot-gilead. Na Siriafo no piraa Yehoram. 6 Na ɔsanee sɛ ɔkɔsa ne ho yare Yesreel afi opira a ɔne Siria hene Hasael reko no, wopirapiraa no Rama no mu. Na Yuda hene Yehoram ba Asaria sian kɔe sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, efisɛ ɔyare. 7 Na Onyankopɔn na ɔde asiane besianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na odui no, ɔne Yehoram fi kohyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fi. 8 Na Yehu de atemmu baa Ahab fi so no, ɔkɔtoo Yuda mmapɔmma ne Ahasia ne nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na okunkum wɔn. 9 Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno de, ɔde ne ho ahintaw Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wokum no. Na wosiee no, na wɔkae sɛ: Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obi nni Ahasia fi bio a obenya ahenni no ho ahoɔden. Atalia awudi ( 2 Ahene 11.1-3 ) 10 Na Ahasia ne na Atalia hui sɛ ne ba no awu no, ɔsɔre kɔdwerɛw ahenni no asefo nyinaa Yuda fi. 11 Na ɔhene babea Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu, na ɔde no ne ne gyigyefo hyɛɛ pia mu. Na sɛ ɔhene Yehoram babea Yehosabat a ɔyɛ ɔsɔfo Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabea nti, ɔde no hintaw fii Atalia anim na wankum no. 12 Na ɔne wɔn tenaa Onyankopɔn fi hintawee mfe asia. Na Atalia dii asase no so hemmea. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana