2 Berɛsosɛm 21 - KYERƐW KRONKRONYehoram nniso bɔne 1 Na Yehosafat wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho Dawid kurow no mu, na ne ba Yehoram bedii n’ade. 2 Na ɔwɔ nuammarimanom a wɔyɛ Yehosafat mma: Asaria ne Yehiel ne Sakaria ne Asaria ne Mikael ne Sefatia; eyinom nyinaa yɛ Israel hene Yehosafat mma. 3 Na wɔn agya maa wɔn akyɛde bebree: Dwetɛ ne sika ne aboɔdenne ne Yuda mu nkurow a ɛyɛ den bi nso, na ahenni no de, ɔde maa Yehoram, efisɛ ɔno ne abakan. 4 Na Yehoram sɔre dii n’agya ahenni no so no, ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔde nkrante kunkum ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso. 5 Yehoram dii mfe aduasa na obedii hene, na odii hene mfe awotwe Yerusalem. 6 Na ɔnantew Israel ahene kwan so sɛnea Ahab fi yɛe no, efisɛ Ahab ba bɛyɛɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. 7 Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fi no, apam a ɔne Dawid pamee no nti, ne sɛ ɔkae sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no. 8 Ne bere so na Edom tew atua fii Yuda nsa ase, na wokosii wɔn so hene. 9 Na Yehoram ne n’asafohene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa sen kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo na okokum Edomfo a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no. 10 Na Edom tew atua fii Yuda ase de besi nnɛ. Ɛno na Libna nso tew atua bere no ara mu fii n’ase, efisɛ wagyaw AWURADE n’agyanom Nyankopɔn no. 11 Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔw so, na ɔde Yerusalemfo kɔɔ aguamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda ma wɔman kɔɔ bɔne mu. 12 Na kyerɛw bi fii odiyifo Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, se ni: Esiane sɛ woannantew w’agya Yehosafat akwan so ne Yuda hene Asa akwan so, 13 na wonantew Israel ahene akwan so, na wode Yuda ne Yerusalemfo kɔɔ aguamammɔ mu sɛ Ahab fi aguamammɔ no, nanso woakum wo nuanom, w’agya fifo a woye sen wo no nti, 14 hwɛ, AWURADE de ɔhaw kɛse bɛhaw wo man ne wo mma ne wo yerenom ne w’ahode nyinaa; 15 na w’ankasa nso, ɔde nyarewa bebree bɛhaw wo: Wobɛyare wo yam de bɛkɔ akosi sɛ ɔyare no nti w’ayamde befi adi da biara da. 16 Na AWURADE hwanyan Filistifo ne Arabiafo a wɔwɔ Etiopiafo nkyɛn mu no honhom hyɛɛ Yehoram. 17 Na wɔforo baa Yuda so, na wɔtetew mu, na wɔfaa ahode a wohui ɔhene fi nyinaa ne ne mmammarima nso ne ne yerenom nnommum kɔe, na anka ɔbabarima amma no gye ne mmammarima mu akumaa Yehoahas. 18 Na eyi nyinaa akyi no, AWURADE de ayamde mu yare a enni sabea bɔɔ no. 19 Na eyi kɔɔ so ara kosii mfe abien awiei no, n’ayamde fii adi ɔyare no ara mu, na owui ɔyaw pii mu. Na ne man ansɔ gya bi anhyɛ no anuonyam sɛ wɔhyew maa n’agyanom no. 20 Odii mfe aduasa abien na obedii hene, na odii hene mfe awotwe Yerusalem. Na ɔkɔe, na obi annyam no. Na wosiee no Dawid kurow mu, nanso ɛnyɛ ahene damoa no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana