2 Berɛsosɛm 20 - KYERƐW KRONKRONAtamfo ba 1 Na ɛno akyi no, Moabfo ne Amonfo ne Maonfo no mu binom a wɔka wɔn ho no baa Yehosafat so sɛ wɔne no rebɛko. 2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Dɔm kɛse bi fi po no agya fi Edom reba wo so, na hwɛ, wɔwɔ Hasasɔn-tamar [Ɛno ne En-gedi]. 3 Na Yehosafat suroe, na ɔde n’ani too AWURADE hwehwɛ so, na ɔpaee abuadadi Yuda nyinaa mu. 4 Na Yuda boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ ade. Nso Yuda nkurow nyinaa mu na wofi bae bɛhwehwɛɛ AWURADE. 5 Na Yehosafat sɔre gyinaa Yuda ne Yerusalem bagua no mu AWURADE fi abangua foforo no anim, 6 na ɔkae sɛ: AWURADE, yɛn agyanom Nyankopɔn, so ɛnyɛ wone Onyankopɔn ɔsoro, na wo ara na wudi amanaman ahenni nyinaa so, na wo nsam na tumi ne mmaninyɛ wɔ, na obi nni hɔ a obetumi agyina w’anim. 7 So ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wutuu asase yi sofo fii wo man Israel anim na wode maa wo dɔfo Abraham asefo de rekosi daa no? 8 Na wɔtenaa so, na wosii wo kronkronbea wɔ so maa wo din sɛ: 9 Sɛ bɔne bi, afoa, atemmu anaa ɔyaredɔm sɛ ɔkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abegyina ofi yi anim ne w’anim, efisɛ wo din wɔ ofi yi mu, na yɛafi yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn. 10 Na afei, hwɛ, Amonfo ne Moab ne Seir bepɔw a woamma Israel kwan amma wɔankɔ wɔn so, bere a wofi Misraim asase so reba no, na mmom wɔdan fii wɔn ho na wɔansɛe wɔn no, 11 hwɛ, nea wɔde retua yɛn so ka ne sɛ wɔaba rebetu yɛn afi w’agyapade a wɔde maa yɛn sɛ yenni so no so. 12 Yɛn Nyankopɔn, so woremmu wɔn atɛn? Na yenni tumi a yɛde regyina dɔm bebree yi a wɔreba yɛn so yi anim. Na yɛn de, yennim nea yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da. Yehosafat mpaebɔ tie 13 Na Yuda nyinaa gyinagyina AWURADE anim, wɔn ne wɔn mma nketewa, wɔn yerenom ne wɔn mma. 14 Na Matania ba Yeiel ba Benaia ba Sakaria ba Yehasiel a ɔyɛ Lewini a ofi Asaf mma mu no, AWURADE honhom baa no so bagua no mu, 15 na ɔkae sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfo ne ɔhene Yehosafat, muntie! Sɛ AWURADE se mo ni: Mo de, munnsuro na mo koma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn. 16 Ɔkyena munsian nkɔ wɔn so; hwɛ, wɔreforo Sis aforoe reba, na mobɛkɔ akɔto wɔn obon no awiei, Yeruel sare anim. 17 Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagye. Yuda ne Yerusalem, munnsuro na mo koma nntutu, ɔkyena mumfi adi nkohyia wɔn, na AWURADE bedi mo akyi. 18 Ɛnna Yehosafat kotowee de n’anim butuw fam, na Yuda ne Yerusalemfo no nyinaa hwehwee fam AWURADE anim sɔree AWURADE. 19 Na Lewifo a wofi Kohatfo mma ne Korafo mma mu no sɔree sɛ wɔde ɛnne kɛse pa ara reyi AWURADE Israel Nyankopɔn ayɛ. 20 Na wɔsɔree anɔpatutu, na wofii adi kɔɔ Tekoa sare so; na wɔrefi adi no, Yehosafat gyinae na ɔkae sɛ: Yuda ne Yerusalemfo, muntie me. Munnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mubetim, na munnye n’adiyifo no nni, na mubedi yiye. 21 Na ɔne ɔman no tuu agyina, na oyiyii nnwontofo a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefi adi no, wodii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkae sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔe wɔ hɔ daa. 22 Na ɛbere a wɔrefi dwonto ne ayeyi ase no, AWURADE maa atɛwfo baa Amonfo, Moab ne Seir bepɔw sofo a wɔbaa Yuda so no so, na wɔkaa wɔn gui. 23 Na Amon ne Moabfo no sɔre hyɛɛ Seir bepɔw sofo no sɛee wɔn pasaa. Na wowiee Seirfo no, wɔboaa wɔn ho wɔn ho kunkum sɛe wɔn ho wɔn ho. 24 Na Yuda duu ahwɛe a ɛkyerɛ sare so na wɔdan wɔn ani hwɛɛ dɔm kɛse no, na hwɛ, wɔn afunu na egugu fam, na obi amfi mu. 25 Na Yehosafat ne ne dɔm no kɔe kɔfom wɔn asade no, na wohuu wɔn mu ahode ne ntade ne nnwinne a ɛyɛ fɛ pii pa, na wɔtase fae a wontumi nsoa, na wɔde asade no fom ara nnansa, efisɛ ɛdɔɔso bebree. 26 Na da a ɛto so anan no, wɔboaboaa wɔn ho ano nhyira bon no mu, efisɛ ɛhɔ no wohyira AWURADE, enti na wɔfrɛ ɛhɔ din sɛ “Nhyira-bon” de besi nnɛ. 27 Na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigye san baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfo ho. 28 Na wokurakura mmɛnta asanku ne asankuten ne ntorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛn AWURADE fi. 29 Na wɔtee sɛ AWURADE ne Israel atamfo ako no, Onyankopɔn ho hu kaa nsaase so ahenni nyinaa. 30 Na Yehosafat ahemman mu dwoe, na ne Nyankopɔn maa no ɔhome afa nyinaa hyiae. Yehosafat ne Ahasia ntam apam ( 1 Ahene 22.41-50 ) 31 Na Yehosafat dii Yuda so hene: Obedii hene no, na wadi mfe aduasa anum, na odii hene mfirihyia aduonu anum Yerusalem. Na ne na din de Asuba, Silhi ba. 32 Na ɔnantew n’agya Asa kwan so, na wamman amfi so, na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so. 33 Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn koma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no. 34 Na Yehosafat ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, hwɛ, wɔakyerɛw Hanani ba Yehu nsɛm a wɔde hyɛɛ Israel ahene nhoma mu no mu. 35 Na ɛno akyi no, Yuda hene Yehosafat ne Israel hene Ahasia a odii nsɛmmɔne no pamee. 36 Na ɔne no pamee sɛ wɔbɛyeyɛ ahyɛn akɔ Tarsis, na wɔpompam ahyɛn no Esion-geber. 37 Na Dodawahu a ofi Maresa ba Eliesa hyɛɛ Yehosafat ho nkɔm sɛ: Sɛ wo ne Ahasia apam nti, AWURADE asɛe wo nnwuma. Na ahyɛn no bobɔe, na wɔantumi ankɔ Tarsis. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana