Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 18 - KYERƐW KRONKRON


Yehosafat ne Ahab tu sa
( 1 Ahene 22.1-28 )

1 Na Yehosafat nyaa adedodow ne anuonyam bebree. Na ɔne Ahab bɔɔ nse.

2 Na mfe bi akyi no, osian kɔɔ Ahab nkyɛn Samaria, na Ahab kunkum nguan ne anantwi bebree maa no ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na ogyigyee no sɛ ɔmforo nkɔ Ramot-gilead.

3 Na Israel hene Ahab ka kyerɛɛ Yuda hene Yehosafat sɛ: So wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no.

4 Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mesrɛ wo, kobisa AWURADE asɛm nnɛ.

5 Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifo no ano hyiae, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: So yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa.

6 Na Yehosafat kae sɛ: So AWURADE diyifo bi nni ha bio na yenkobisa no hɔ ade?

7 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako da so wɔ hɔ a anka yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE hɔ ade, nanso metan no, efisɛ ɔnka me ho asɛm pa bi, na daa, bɔne na ɔka; ɔno ne Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa.

8 Ɛnna Israel hene no frɛɛ opiani bi, na ɔkae sɛ: Ma Imla ba Mikaia mmra ntɛm.

9 Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn agua so hyehyɛ wɔn ntade, na wɔtete Samaria pon ano mprae so; na adiyifo no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim.

10 Na Kenaana ba, Sedekia yɛɛ dade mmɛn, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Eyinom na wode bɛko Siriafo no de akosi sɛ wobewie wɔn.

11 Na adiyifo no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Foro kɔ Ramot-gilead na kodi nim; na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

12 Na ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifo no nsɛm yɛ pɛ na eye ma ɔhene, na ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn mu biako asɛm, na ka asɛmpa.

13 Na Mikaia se: Sɛ AWURADE te ase yi, nea me Nyankopɔn bɛka no, ɛno na mɛka.


Mikaia hyɛ nkogu ho nkɔm

14 Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na ose: Monkɔ na munkodi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.

15 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mpɛn ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokware nko, AWURADE din mu?

16 Ɛnna ose: Mahu Israel nyinaa sɛ wɔapansam mmepɔw so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na AWURADE se: Eyinom nni wuranom? Ma wɔnsan nkokɔ wɔn afi asomdwoe mu.

17 Ɛnna Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: So manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa bi, na mmom bɔne?

18 Na Mikaia se: Enti muntie AWURADE asɛm. Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.

19 Na AWURADE se: Hena na ɔbɛdaadaa Israel hene Ahab, na waforo akɔtɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi nso kaa sɛɛ.

20 Na honhom bi fi begyinaa AWURADE anim, na ɔkae sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn?

21 Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no, na wubetumi nso, fi kɔ na kɔyɛ sa.

22 Na afei, hwɛ, AWURADE de atoro honhom ahyɛ w’adiyifo yi nyinaa anom, na AWURADE aka wo ho bɔne.

23 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twiw bɛnee bɛbɔɔ Mikaia sotɔre kae sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam fii me nkyɛn bɛkasa kyerɛɛ wo yi?

24 Na Mikaia se: Hwɛ, ɛda a wubefi pia mu akɔ pia mu akohintaw no na wubehu.

25 Na Israel hene no kae sɛ: Momfa Mikaia nsan nkɔ kurow no safohene Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

26 na monka sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohia aduan nni ne ahohia nsu nnom nkosi sɛ mɛba no dwoodwoo.

27 Na Mikaia se: Ɔsan de, wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie!


Ahab wu
( 1 Ahene 22.29-35 )

28 Na Israel hene no ne Yuda hene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

29 Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakra me ho na makɔ dɔm no mu, na wo de, hyɛ wo ntade. Na Israel hene no sakraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.

30 Nso na Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene sɛ: Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko sɛ gye Israel hene no nko.

31 Na nteaseɛnam so asafohene no huu Yehosafat no, wɔkae sɛ: Israel hene no ni! Na wɔmanee ne no kɔkoe. Na Yehosafat teɛɛm; na AWURADE boaa no, na Onyankopɔn dan wɔn fii ne ho.

32 Na nteaseɛnam so asafohene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene no ne no no, wɔsan fii n’akyi.

33 Na ɔbarima bi twee ne ta mu, n’anibiannaso so, na ɔde wuraa Israel hene no mmɔtoam nkatabo no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no sɛ: Dan wo nsa na fa me fi dɔm yi mu, na mapira.

34 Na ɔko no mu yɛɛ den da no, na Israel hene no kura mu gyina ne teaseɛnam no mu Siriafo no anim ara kosii anwummere. Na owia kɔtɔe no, owui.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan