Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 17 - KYERƐW KRONKRON


Yehosafat ahenni pa

1 Na ne ba Yehosafat bedii n’ade na ɔhyɛɛ ne ho den ne Israel dii asi.

2 Na ɔde dɔm duaduaa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa mu, na ɔde bansifo duaduaa Yuda asase so ne Efraim nkurow a n’agya Asa gyei no mu.

3 Na AWURADE dii Yehosafat akyi, efisɛ ɔnantew n’agya Dawid kan akwan no so, na wanhwehwɛ Baalim,

4 na mmom n’agya Nyankopɔn na ɔhwehwɛɛ no, na ne mmara nsɛm so na ɔnantewee, na ɛnyɛ sɛ Israel nneyɛe no.

5 Na AWURADE maa n’ahenni no timii ne nsam. Na Yuda nyinaa de ayɛyɛde brɛɛ Yehosafat, na onyaa adedodow ne anuonyam bebree.

6 Na ɔnantew AWURADE akwan mu nti onyaa akokoduru de yiyii sorɔnsorɔmmea ne Asera nnua no fii Yuda.

7 Na n’ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, ɔsomaa n’asafohene Ben-hail ne Obadia ne Sakaria ne Netanel ne Mikaia sɛ wɔnkɔ nkɔkyerɛkyerɛ Yuda nkurow mu.

8 Na Lewifo, Semai, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yonatan, Adonigya, Tobia ne Tob-adonigya a wɔyɛ Lewifo no ka wɔn ho, na asɔfo Elisama ne Yehoram nso ka wɔn ho.

9 Na wɔkɔkyerɛkyerɛe Yuda, na wokura AWURADE mmara nhoma no kyinii Yuda nkurow nyinaa mu kyerɛkyerɛe ɔman no mu.

10 Na AWURADE ho hu baa nsaase a etwa Yuda ho hyia no ahenni nyinaa so, na wɔne Yehosafat anni ako.

11 Na wofi Filistifo mu nso de ayɛyɛde ne dwetɛ beyii tow maa Yehosafat; Arabiafo mpo de nguan brɛɛ no: Adwennini mpemnsɔn ahansɔn, ne mpapo nso mpemnsɔn ahansɔn.

12 Na Yehosafat kɔɔ so yɛɛ kɛse pa ara, na ɔtotoo aban ne aduankora nkurow Yuda.

13 Na ɔwɔ akorade bebree Yuda nkurow mu, ne akofofo, mmarima a wotumi, Yerusalem.

14 Na wɔn nkanee sɛ wɔn mpanyimfi te ni: Yuda mu mpem so asafohene ne: Ɔsafohene Adna, na mmarima a wotumi ɔpehasa ka ne ho.

15 Na ɔno so na ɔsafohene Yehohanan di, na nnipa ɔpehanu aduɔwɔtwe ka ne ho.

16 Na ɔno so na Sikri ba, Amasia a ɔde ne ho maa AWURADE ayamye so no di, na mmarima a wotumi ɔpehanu ka ne ho.

17 Na Benyamin mu: Ɔbarima a otumi Eliada, na nnipa ɔpehanu a wokura atadua ne akyɛm ka ne ho.

18 Na ɔno so na Yehosabad di, na nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe a wɔamia sɛnea wɔrekɔ sa ka ne ho.

19 Eyinom ne wɔn a wɔsom ɔhene no, ɛsono wɔn a ɔhene de wɔn duaduaa Yuda nyinaa mu nkurow a ɛyɛ den no mu no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan