Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 15 - KYERƐW KRONKRON


Odiyifo Asaria kɔkɔbɔ

1 Na Onyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so,

2 na ofii adi kohyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me. AWURADE ne mo te, sɛ mo ne no te yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.

3 Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wonni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔkyerɛkyerɛ, na wonni mmara.

4 Na wɔn ahohia mu, wɔsan baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔma wohuu no.

5 Na ɛbere no mu no na asomdwoe nni hɔ mma nea ofi adi ne nea ɔba mu, na sakasaka bebree baa nsaase no sotefo nyinaa so.

6 Na wɔbobɔɔ wɔn ho, ɔman ne ɔman, ne kurow ne kurow, na Onyankopɔn de ahohia nyinaa tanee wɔn ani.

7 Na mo de, monhyɛ mo ho den, na mommma mo abasa mu nngow, na mo adwuma so wɔ akatua.


Onyankopɔn apam no ntimu

8 Na Asa tee nsɛm yi ne odiyifo Oded adiyi no, ɔhyɛɛ ne ho den, na oyii atantanne no fii Yuda ne Benyamin asase nyinaa so ne nkurow a ogyei Efraim bepɔw so no mu, na ɔyɛɛ AWURADE afɔremuka a ɛwɔ AWURADE ntwironoa no anim no foforo.

9 Na ɔboaa Yuda ne Benyamin nyinaa ne ahɔho a wofi Efraim ne Manase ne Simeon bae bɛkaa wɔn ho no ano hyiae, na wohui sɛ AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi nti, nnipa pii wae fii Israel baa ne fam.

10 Na wɔboaa wɔn ho ano Yerusalem, ɔsram a ɛto so abiɛsa no, Asa ahenni afe a ɛto so dunum so.

11 Na wɔde asade a wɔde bae no bi bɔɔ AWURADE afɔre da no: Anantwi ahansɔn ne nguan mpemnsɔn,

12 na wɔkɔɔ apam no mu sɛ wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa bɛhwehwɛ AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no,

13 na obiara a ɔrenhwehwɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, akumaa oo, ɔkɛse oo, ɔbarima oo, ɔbea oo, wonkum no.

14 Na wɔde nne kɛse ne osebɔ ne ntorobɛnto ne mmɛn sua kyerɛɛ AWURADE.

15 Na Yuda nyinaa ani gyee nsua no ho, efisɛ wɔn koma nyinaa na wɔde suae; na wɔn pɛ nyinaa so na wɔhwehwɛɛ no; na ɔma wohuu no, na AWURADE maa wɔn ɔhome afa nyinaa hyiae.

16 Na Maaka a ɔyɛ ɔhene Asa ne na nso, otuu no fii ɔhemmeadi so, efisɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no, bubuu no dukuduku kɔhyewee Kidron subon mu.

17 Na sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi amfi Israel; nanso Asa koma dii mu ne nna nyinaa mu.

18 Na ɔde n’agya akronkronne ne n’ankasa akronkronne baa Onyankopɔn fi: Dwetɛ ne sika ne nnwinne.

19 Na akodi bi amma de kosii Asa ahenni afe a ɛto so aduasa anum so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan