Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 13 - KYERƐW KRONKRON


Abigya di Yeroboam so nkonim

1 Ɔhene Yeroboam afe a ɛto so dunwɔtwe so no, Abigya bedii Yuda so hene.

2 Mfe abiɛsa na odii hene Yerusalem, na ne na din de Mikaia, Uriel ba a ofi Gibea. Na ɔko baa Abigya ne Yeroboam ntam.

3 Na Abigya de mmarima akofofo dɔm a ano si nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehannan yɛɛ ɔsa no, na Yeroboam de nnipa ɔpehanwɔtwe, mmarima a wotumi a wɔapaw wɔn ne no bɛbɔɔ ani.

4 Na Abigya sɔree Semaraim bepɔw a ɛwɔ Efraim mmepɔw so no atifi, na ɔkae sɛ: Yeroboam ne Israel nyinaa, muntie me.

5 So munnim sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no de Israel so ahenni ama Dawid de rekosi daa sɛ nkyene apam ama ɔno ne ne mma anaa?

6 Na Nebat ba Yeroboam a ɔyɛ Dawid ba Solomon akoa no sɔre tew ne wuranom anim atua,

7 na nnipa hunu ahuhufo ne no boom hyɛɛ wɔn ho den tiaa Solomon ba Rehoboam, nso na Rehoboam yɛ abofra na ne koma yɛ mmerɛw, enti wantumi wɔn.

8 Na afei, mo de, muse moresɔre atia AWURADE ahenni a ɛwɔ Dawid mma nsam no, efisɛ modɔɔso na mowɔ sika anantwi a Yeroboam ayɛ ama mo sɛ anyame.

9 So muntutuu AWURADE asɔfo, Aaron mma no ne Lewifo no, na moayɛ asɔfo afa sɛ nsaase so aman no? Obiara a ɔba sɛ wonnye n’antwiforo ne adwennini ason mfa asɔfodi nhyɛ ne nsa no na wayɛ ɔsɔfo ama nea ɛnyɛ Onyankopɔn no.

10 Na yɛn de, AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaw no ɛ, na asɔfo a wɔsom AWURADE no yɛ Aaron mma, na Lewifo no kura wɔn adwuma mu.

11 Na wɔhyew ɔhyew afɔre ma AWURADE daa anɔpa ne anwummere ne ɔhyew aduhuam no. Na wosiesie Kyerɛ Abodoo wɔ ɔpon kronkron no so, na sika kaneadua ne n’akanea no, wɔsɔ daa anwummere. Na yɛn de, yɛyɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ahyɛde no, na mo de, moagyaw no.

12 Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho di ti, ne n’asɔfo ne osebɔ ntorobɛnto, sɛ wɔde bɛbɔ ose ahyɛ mo. Israel mma, mo ne AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn no, nnko, na ɛrensi mo yiye.

13 Na Yeroboam maa atɛwfo buu wɔn ho braka na wɔabefi wɔn akyi. Na wɔwɔ Yuda anim, na atɛwfo no wɔ wɔn akyi.

14 Na Yuda dannan wɔn ani no, na hwɛ, dɔm no wɔ anim ne akyi. Ɛnna wɔteɛɛm frɛɛ AWURADE, na asɔfo no hyenhyɛn ntorobɛnto.

15 Na Yuda mmarima bobɔɔ ose. Na Yuda mmarima no bobɔɔ ose no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel nyinaa gui Abigya ne Yuda anim.

16 Na Israelfo no gui Yuda anim, na Onyankopɔn de wɔn hyɛɛ wɔn nsa.

17 Na Abigya ne ne man kunkum wɔn okunkɛse, na apirafo a wɔtotɔe Israel mu si nnipa a wɔapaw wɔn ɔpehannum.

18 Na wɔbrɛɛ Israelfo no ase bere no mu, na Yudafo no ho yɛɛ den, efisɛ wotweri AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

19 Na Abigya tiw Yeroboam, na okogyee ne nsam nkurow: Betel ne ɛho nkurowa, ne Yesana ne ɛho nkurowa, ne Efron ne ɛho nkurowa.

20 Na Yeroboam annya tumi bi bio Abigya bere so. Na AWURADE kaa no ma owui.

21 Na Abigya de, onyaa tumi, na ɔwarewaree yerenom dunan, na ɔwowoo mmammarima aduonu abien, ne mmabea dunsia.

22 Na Abigya ho nsɛm nkae ne n’akwan ne ne nsɛm, wɔakyerɛw odiyifo Ido nkyerɛase nhoma no mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan