Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 12 - KYERƐW KRONKRON


Sisak di Rehoboam so nkonim
( 1 Ahene 14.25-28 )

1 Na ɛbae sɛ Rehoboam ahenni timii na ɔyɛɛ den no, ogyaw AWURADE mmara, na Israel nyinaa ka ne ho.

2 Na ɔhene Rehoboam afe a ɛto so anum no, Misraim hene Sisak foro baa Yerusalem so, efisɛ Israelfo no afom AWURADE.

3 Ɔde nteaseɛnam apem, ahanu ne apɔnkɔsotefo ɔpeduosia bae, na dɔm a wɔne no bae no nni kanbea, wofi Misraim: Libiafo, Sukifo ne Etiopiafo.

4 Na ogyee Yuda nkurow a ɛyɛ den no, na obeduu Yerusalem.

5 Ɛnna odiyifo Semaia baa Rehoboam ne Yuda mmapɔmma a wɔaboa wɔn ho ano aba Yerusalem afi Sisak anim no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Mo de, moagyaw me, na me nso magyaw mo mahyɛ Sisak nsa.

6 Ɛnna Israel mmapɔmma ne ɔhene no brɛɛ wɔn ho ase, na wɔkae sɛ: Ɔtreneeni ne AWURADE.

7 Na AWURADE hui sɛ wɔabrɛ wɔn ho ase no, AWURADE asɛm baa Semaia nkyɛn sɛ: Wɔabrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn, na ɛyɛ kakra a, mɛma wɔafi mu, na m’abufuw amfa Sisak so anhwie angu Yerusalem so.

8 Nanso wɔbɛyɛ no nkoa, na wɔahu me som ne nsaase so ahenni som no.

9 Na Misraim hene Sisak foro baa Yerusalem bɛfaa AWURADE fi akorade ne ɔhene fi akorade no, ne nyinaa na ɔfae, na ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛe no nso.

10 Na ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyehyɛɛ awɛmfo a wɔwɛn ɔhene fi pon ano no asafohene no nsa.

11 Na da biara a ɔhene ba AWURADE fi no, awɛmfo no bɛtase, na wɔde san kɔ awɛmfo no dan mu.

12 Na sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase nti, AWURADE abufuw no san fii ne ho, sɛ ɔrensɛe no nwie; na ɔmannwoe baa Yuda mu nso.


Rehoboam ahenni awiei

13 Na ɔhene Rehoboam hyɛɛ ne ho den Yerusalem, na odii hene. Na obedii hene no, na wadi mfe aduanan biako, na odii hene mfirihyia dunsɔn Yerusalem a ɛne kurow a AWURADE yii Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.

14 Na ɔyɛɛ bɔne, na wamfa ne koma anhwehwɛ AWURADE.

15 Na Rehoboam ho nsɛm, kan de ne akyiri de nso, so wɔankyerɛw odiyifo Semaia ne ɔdehwɛfo Ido nsɛm mu antoatoa so? Na dɔmdi daa Rehoboam ne Yeroboam ntam nna nyinaa.

16 Na Rehoboam wui, na wosiee no ahemfo amusie wɔ Dawid kurow no mu. Na ne ba Abigya bedii n’ade.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan