Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 11 - KYERƐW KRONKRON


Yuda ne Benyamin ho banbɔ

1 Na Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fi no nyinaa ano hyiae, mmarima akofofo a wɔapaw wɔn ɔpeha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadan ahenni no ama Rehoboam.

2 Na AWURADE asɛm baa Onyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:

3 Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israel a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa sɛ:

4 Sɛ AWURADE se ni: Mommforo nnkɔ, na mo ne mo nuanom nnkɔko; monsan nkokɔ mo afi, na me na asɛm yi fi me. Na wotiee AWURADE asɛm no, na wɔsan fii Yeroboam so kɔ no.


Rehoboam nkurow a ɛyɛ den

5 Na Rehoboam tenaa Yerusalem. Na ɔkyekyee nkurow ma ɛyɛɛ den wɔ Yuda,

6 na ɔkyekyee Betlehem ne Etam ne Tekoa,

7 ne Bet-sur ne Soko ne Adulam,

8 ne Gat ne Maresa ne Sif,

9 ne Adoraim ne Lakis ne Aseka,

10 ne Sora ne Ayalon ne Hebron a ɛyɛ Yuda ne Benyamin mu nkurow a ɛyɛ den no.

11 Na ɔhyehyɛɛ nkurow no den, na ɔde asafohene ne aduan ne ngo ne nsa akorade kokɔɔ mu.

12 Na ɔde akyɛm ne mpeaw korakoraa nkurow no nyinaa mu, na ɔhyehyɛɛ nkurow no den pa ara. Na Yuda ne Benyamin wɔ no.

13 Na asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ Israel nyinaa fi wɔn nsaase nyinaa so begyinaa n’akyi.

14 Na Lewifo no gyigyaw wɔn nkurow ho mfikyisaase ne wɔn agyapade, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wonnni AWURADE asɔfo,

15 na ɔhyehyɛɛ n’asɔfo maa sorɔnsorɔmmea no ne mpapo ne anantwi mma a ɔyɛe no.

16 Na wɔn akyi no wɔn a wɔde wɔn koma mae sɛ wɔbɛhwehwɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no fifii Israel mmusuakuw nyinaa mu baa Yerusalem, sɛ wɔbɛbɔ afɔre ama AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

17 Na wɔmaa Yuda ahenni no yɛɛ den, na wɔhyɛɛ Solomon ba Rehoboam den mfirihyia abiɛsa, efisɛ wɔnantew Dawid ne Solomon kwan so mfe abiɛsa.

18 Na Rehoboam waree Mahalat a ɔyɛ Dawid ba Yerimot babea ne Abihail a ɔyɛ Yese ba Eliab babea,

19 na ɔwoo mma, Yeus ne Semaria ne Saham.

20 Na ɛno akyi no, ɔwaree Absalom ba Maaka, na ɔwoo Abigya ne Atai ne Sisa ne Selomit maa no.

21 Na Rehoboam dɔ Absalom ba Maaka sen ne yerenom ne ne yefamnom nyinaa, na ɔwaree yerenom dunwɔtwe ne yefam aduosia, na ɔwowoo mmammarima aduonu awotwe ne mmabea aduosia.

22 Na Rehoboam de Maaka ba Abigya dii ne nuanom no mu ti ne panyin, na ɔpɛe sɛ osi no hene.

23 Na odii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsaase no nyinaa so, nkurow a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhamabɔde bebree maa wɔn, na ogyigyee mmea bebree aware momaa wɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan