Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 8 - KYERƐW KRONKRON


Elisa ne Sunemni bea no

1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbea a onyan ne ba ma onyaa nkwa no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fi, na kɔyɛ ɔhɔho baabiara a wubetumi, na AWURADE ama ɔkɔm, aba asase yi so na ɛbɛtena so mfe asɔn.

2 Na ɔbea no sɔree yɛɛ sɛ Onyankopɔn nipa no kae no, na ɔne ne fifo siim kɔe kɔyɛɛ ahɔho Filistifo asase so mfe asɔn.

3 Na mfe ason no awiei no, ɔbea no san fii Filistifo asase so bae, na ofii adi kosu hyɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fi ne n’asase.

4 Nso na ɔhene ne Onyankopɔn nipa no abofra Gehasi rekasa sɛ: Ka me nneɛma akɛse a Elisa ayɛ no ɛ!

5 Na ɔreka ɔhene sɛnea onyan awufo no, hwɛ, ɔbea a onyan ne ba ma onyaa nkwa no besu hyɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fi ne n’asase. Na Gehasi kae sɛ: Me wura ɔhene, ɔbea no ni, nea ne ba a Elisa ma onyaa nkwa no ni.

6 Na ɔhene bisaa ɔbea no no, ɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔhene yii opiani bi maa no sɛ: Dan nea ɛyɛ ne de nyinaa ne afuw no aba nyinaa fi da a ogyaw asase yi de besi sesɛɛ ma no.


Hasael di Siria so hene

7 Na Elisa kɔɔ Damasko; nso na Siria hene Ben-hadad yare; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onyankopɔn nipa no aba ha.

8 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael sɛ: Fa ayɛyɛde kura, na kɔ kohyia Onyankopɔn nipa no, na kobisa AWURADE ade, ne hɔ, sɛ: So menya ɔyare yi mu nkwa anaa?

9 Na Hasael ba behyiaa no, na ɔfaa ayɛyɛde kurae, ɛyɛ Damasko nneɛma pa nyinaa bi, yoma aduanan na ɛsosoe. Na ɔba begyinaa n’anim sɛ: Wo ba Ben-hadad, Siria hene, na ɔsomaa me wo nkyɛn sɛ: So menya ɔyare yi mu nkwa anaa?

10 Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ kɔka kyerɛ no sɛ: Nkwa de, wubenya, nanso AWURADE akyerɛ me sɛ obewu ara.

11 Na ogyen n’ani hwɛɛ no dinn kosii sɛ n’ani bui, na Onyankopɔn nipa no sui.

12 Na Hasael kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura resu? Na ose: Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo. Wɔn nkurow a ɛyɛ den no wobɛtoto mu gya, na wode nkrante bekunkum wɔn mmerante, na woatetew wɔn nkokoaa ahwehwe fam, na woapaapae wɔn apemfo mu.

13 Na Hasael kae sɛ: Hena ne w’akoa ɔkraman yi a ɔbɛyɛ ade kɛse yi? Na Elisa se: AWURADE ama mahu sɛ wo na wubedi Siria so hene.

14 Na ofii Elisa nkyɛn kɔ koduu ne wura nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo? Na ose: Ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wo ho bɛyɛ wo den.

15 Na ade kyee no, ɔfaa mmuatama no bɔɔ nsu mu de kataa n’anim, na owui. Na Hasael bedii n’ade.


Yoram di Yuda so hene
( 2 Berɛsosɛm 21.1-20 )

16 Na Israel hene Ahab ba Yoram afe a ɛto so anum so, bere a Yehosafat dii Yuda hene no, na Yuda hene Yehosafat ba Yehoram bedii hene.

17 Odii mfirihyia aduasa abien na obedii hene, na odii hene mfe awotwe Yerusalem.

18 Na ɔfaa Israel ahene kwan so sɛnea Ahab fi yɛe; efisɛ ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.

19 Nanso n’akoa Dawid nti AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda, sɛnea ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛma ɔno ne ne mma kanea nna nyinaa no.

20 Ne bere so na Edom tew atua fii Yuda nsa ase, na wokosii wɔn so hene.

21 Na Yoram twaam kɔɔ Sair a ne nteaseɛnam nyinaa ka ne ho; na ɔsɔree anadwo kokunkum Edomfo a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no; na nkurɔfo no guan kokɔɔ wɔn ntamadan mu.

22 Na Edom tew atua fii Yuda nsa ase de besi nnɛ. Ɛnna Libna nso tew atua bere no ara mu.

23 Na Yoram ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu?

24 Na Yoram wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho Dawid kurow mu; na ne ba Ahasia bedii n’ade.


Ahasia di Yuda so hene
( 2 Berɛsosɛm 22.1-6 )

25 Israel hene Ahab ba Yoram afe a ɛto so dumien so na Yuda hene Yehoram ba Ahasia bedii hene.

26 Ahasia dii mfe aduonu abien na obedii hene no, na odii hene afe biako Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Israel hene Omri ba.

27 Na ɔfaa Ahab fi kwan so, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fi, efisɛ Ahab sew ne no.

28 Na ɔne Ahab ba Yoram kɔe ne Siria hene Hasael kɔkoe Ramot-gilead. Na Siriafo piraa Yoram.

29 Na ɔhene Yoram san baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa opira a Siriafo piraa no Rama, bere a ɔne Siria hene Hasael reko no. Na Yuda hene Yehoram ba Ahasia san kɔe sɛ ɔkɔhwɛ Ahab ba Yoram Yesreel, efisɛ ɔyare.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan