Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 7 - KYERƐW KRONKRON


Ɔkɔm gu wɔ Samaria

1 Ɛnna Elisa kae sɛ: Muntie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE se ni: Ɔkyena sesɛɛ awisam susuw ade biako bedi dwetɛbona, na atoko susuw ade abien bedi dwetɛbona, Samaria kurow pon ano.

2 Ɛnna okunini a ɔhene tweri ne nsa so no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ose: Wo ara wode w’aniwa behu, nanso worenni bi.

3 Na mmarima akwatafo baanan wɔ kurow no pon ano, na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdɛn na yɛtete ha kosi sɛ yebewuwu?

4 Sɛ yese: Yɛbɛhyɛn kurow no mu a, ɛnne ɔkɔm wɔ kurow no mu na yebewuwu hɔ; na sɛ yɛtete ha yi nso a, yebewuwu; na afei mommra mma yɛnkɔhwe Siriafo nsra no mu: Sɛ wogye yɛn nkwa a, yɛbɛtena ase, sɛ wokum yɛn nso a, yɛawu!

5 Na wɔsɔree anadwofa fɔmm sɛ wɔrekɔ Siriafo nsram. Na woduu Siriafo nsra no ano, na hwɛ, onipa biara nni hɔ.

6 Na Awurade ama Siriafo dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛse nka, na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akogye Hetifo ahene ne Misraim ahene dɔm ahyɛ yɛn sɛ wɔmmra yɛn so.

7 Enti anadwofa fɔmm wɔasɔre aguan, na wɔagyigyaw wɔn ntamadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfurum ne nsra no sɛnea ɛte no, na wɔn nkwa nti wɔaguan.

8 Na akwatafo no duu nsra no ano no, wɔkɔɔ ntamadan biako mu kodidii nomee, na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntama fii hɔ kɔe de kohintawee, na wɔsan bae bɛhyɛn ntamadan foforo mu, na wɔfaa hɔ ade nso, na wɔkɔe de kosiei.

9 Ɛnna wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Nea yɛreyɛ yi nye, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn de, yɛayɛ komm; na sɛ yɛtwɛn kosi adekyee a, asotwe bi bɛto yɛn; enti momma yɛnkɔ ahemfi nkɔka!

10 Na wɔba bɛfrɛɛ kurow no apon ano hwɛfo, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛkɔɔ Siriafo nsram, na hwɛ, onipa biara ne onipa nne biara nni hɔ, gye apɔnkɔ a wɔasesa wɔn ne mfurum a wɔasesa wɔn ne ntamadan no.

11 Na ɔpon ano hwɛfo no frɛ ma wɔkɔkae ahemfi.

12 Ɛnna ɔhene sɔree anadwo no, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mɛkyerɛ mo nea Siriafo ayɛ yɛn yi: Wonim sɛ ɔkɔm de yɛn, enti na wɔafi nsram hɔ kɔ sɛ wokohintaw wuram se: Sɛ wofi kurow no mu ba a, yɛakyekyere wɔn animono, na yɛakɔhyɛn kurow no mu.

13 Na ne nkoa no mu biako buae sɛ: Ɛnne ma wɔmfa apɔnkɔ nkae a wɔaka kurom ha no mu anum, hwɛ, wɔte sɛ Israel dodow a wɔaka mu no, hwɛ, wɔte sɛ Israel dodow a wɔahyew no: Na ma yɛnsoma wɔn na yɛnhwɛ.

14 Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam abien na ɔhene somaa wɔn dii Siriafo dɔm no akyi sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ!

15 Na wodii wɔn akyi koduu Yordan ano, na hwɛ, ntade ne nneɛmanneɛma a Siriafo atotow agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfo no san ba bɛka kyerɛɛ ɔhene.

16 Ɛnna nkurɔfo no fii adi kɔfow Siriafo nsra no. Na ɛmo susuw ade biako dii dwetɛbona, na atoko susuw ade abien nso dii dwetɛbona, sɛnea AWURADE kae no.

17 Na ɔhene yii okunini a otweri ne nsa so no sɛ ɔnhwɛ ɔpon ano; na nkurɔfo no tiatiaa no so ɔpon no mu, na owui, sɛnea Onyankopɔn nipa no kae, bere a ɔhene sian baa ne nkyɛn no.

18 Na ɛbaa mu sɛnea Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Atoko susuw ade bedi dwetɛbona, na awisam susuw ade biako nso bedi dwetɛbona ɔkyena sesɛɛ, Samaria kurow pon ano.

19 Na ɔsafohene no buaa Onyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mfɛnsere ɔsoro po a, so ɛbɛba saa anaa? Na ose: Hwɛ, wo de, wode w’aniwa behu, nanso worenni bi.

20 Na ɛyɛɛ no saa ara, na nkurɔfo no tiatiaa no kurow pon no mu, na owui.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan