Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 6 - KYERƐW KRONKRON


Elisa ma dade bi tɛn nsu ani

1 Na adiyifo mma no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, w’anim ha a yɛte yi yɛ hihiaa papa ma yɛn.

2 Ma yɛnkɔ Yordan ano na yɛnkɔfofa mpuran mmiako mmiako mfi hɔ, na yensiesie baabi wɔ hɔ ntena hɔ. Na ose: Monkɔ ɛ!

3 Na obiako kae sɛ: Pene so na wo ne wo nkoa nkɔ. Na ose: Me nso mɛkɔ.

4 Na ɔne wɔn siim kɔe. Na woduu Yordan ano no, wɔtotow nnua no.

5 Na obiako retow mpuran no, akumaa dade no fi tɔɔ nsu mu; na ɔteɛɛm sɛ: Ao, me wura! Na wɔkɔfɛmee po!

6 Na Onyankopɔn nipa no kae sɛ: Ɛhe na ɛtɔe? Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Na otwaa dua bi too hɔ, na dade no bɛtɛn ani.

7 Na ɔkae sɛ: Ma so fa! Na ɔteɛɛ ne nsa fae.


Wɔde anifurae bɔ Siriafo

8 Na Siria hene ne Israel bedii dɔm; na ɔne ne nkoa tuu agyina sɛ: Ɛha ne ha na mɛbɔ me nsra.

9 Na Onyankopɔn nipa no soma kɔɔ Israel hene nkyɛn sɛ: Hwɛ yiye, na woamfa ha, efisɛ ɛhɔ na Siriafo nam reba.

10 Na Israel hene soma kɔɔ faako a Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no na otuu no ho fo no, na ɔsraa hɔ, ɛnyɛ pɛnkoro na ɛnyɛ mprenu nko.

11 Ɛnna Siria hene koma peree no asɛm yi ho; na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So morenkyerɛ me yɛn mu nea ɔwɔ Israel hene afa?

12 Na ne nkoa no mu biako kae sɛ: Me wura ɔhene, ɛnte sa, na mmom odiyifo Elisa a ɔwɔ Israel no na ɔka nsɛm a woka wo dabekyiri no kyerɛ Israel hene.

13 Na ose: Monkɔ nkɔsra nea ɔwɔ, na mensoma mma wɔnkɔfa no mmra. Na wɔkyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Dotan.

14 Ɛnna ɔsomaa apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm kɛse kɔɔ hɔ, na wodui anadwo, na wobetwaa kurow no ho hyiae.

15 Na Onyankopɔn nipa no somfo tuaa ahema sɛ ɔresɔre afi adi no, na hwɛ, dɔm ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kurow no ho ahyia. Na n’abofra no ka kyerɛɛ, no sɛ: Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn?

16 Na ose: Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no.

17 Na Elisa bɔɔ mpae sɛ: AWURADE, bue n’ani na onhu. Na AWURADE buee aberante no aniwa, na ohui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔw no so ma atwa Elisa ho ahyia.

18 Ɛnna wosian baa ne nkyɛn; na Elisa bɔɔ AWURADE mpae sɛ: Mesrɛ wo, fa anifurae bɔ dɔm yi! Na ɔde anifurae bɔɔ wɔn, sɛ Elisa kae no.

19 Na Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan ni, na ɛnyɛ kurow no ni, munni m’akyi, na memfa mo menkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no nkyɛn. Na ɔde wɔn kɔɔ Samaria.

20 Na woduu Samaria no, Elisa kae sɛ: AWURADE, bue eyinom aniwa, na wohui, na hwɛ, wɔwɔ Samaria mfinimfini.

21 Na Israel hene huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ Elisa sɛ: Agya, so memmobɔ wɔn anaa?

22 Na ose: Mmobɔ wɔn. Nea wode wo nkrante ne wo ta afa no dommum no na wobɔ no. Fa aduan ne nsu sisi wɔn anim na wonni na wɔnnom, na wɔnkɔ wɔn wura nkyɛn.

23 Na ɔtow pon kɛse maa wɔn; na wodidii na wɔnomee no, ogyaa wɔn kwan, na wosiim kɔɔ wɔn wura nkyɛn. Na Siria afowfo asafo no antoa so amma Israel asase so bio.


Ɔkɔm ba Samaria

24 Na ɛno akyi no, Siria hene Ben-hadad boaa ne dɔm nyinaa ano hyiae, na ɔforo ba betuaa Samaria.

25 Na ɔkɔm kɛse baa Samaria, na hwɛ, wɔkaa wɔn hyɛɛ mu ara de kosii sɛ wɔtɔn afurum ti gyee nnwetɛbona aduɔwɔtwe, na mmorɔnoma bin abupɛn anan mu biako gyee nnwetɛbona anum.

26 Na Israel hene retwam ɔfasu so no, ɔbea bi bɔn no sɛ: Owura ɔhene, boa me!

27 Na ose: Sɛ AWURADE ammoa wo a, mefi he na maboa wo? Emfi awiporowbea anaa nsa-kyi-amoa mu?

28 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na ɛyɛ wo? Na ose: Ɔbea yi ka kyerɛɛ me sɛ: Fa wo ba ma yenni no nnɛ, na yɛadi me ba ɔkyena.

29 Na yɛnoaa me ba no dii; na ade kyee no, meka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no bra ma yenni ɛ! Nanso ɔde ne ba no asie.

30 Na ɔhene tee ɔbea no nsɛm no, osunsuanee ne ntade mu; na ɔretwam ɔfasu no so no, nkurɔfo no hwɛe, na hwɛ, ofura atweatam wɔ ase de akata ne honam ani.

31 Ɛnna ɔkae sɛ: Sɛ Safat ba Elisa ti toa no so nnɛ adesae a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnto so sɛɛ!

32 Nso na Elisa te ne fi, na mpanyimfo no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfo no nnya nnuu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: Sɛ muhu sɛ owudifo ba yi asoma sɛ wɔmmɛfa me ti? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfo no ba a, monto pon mu, na mumpia no nkɔ ɔpon ano; so ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na edi n’akyi yi?

33 Na ɔda so ne wɔn rekasa no, hwɛ, na ɔbɔfo no resian aba ne nkyɛn. Na ɔkae sɛ: Hwɛ, bɔne yi fi AWURADE nkyɛn, dɛn na mentwɛn AWURADE minnye bio?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan