Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 5 - KYERƐW KRONKRON


Naaman ayaresa

1 Na Siria hene sahene Naaman yɛ onipa kɛse ne wura anim, na ɔwɔ anuonyam, efisɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a otumi, nso ɔyare kwata.

2 Nso na da bi Siria asafo bi, afi adi kɔ, nam ɔhyɛ so akɔfa Israel asase so abaawa kumaa bi dommum aba; na ɔsom Naaman yere.

3 Na abaawa no ka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: A, sɛ anka me wura wɔ odiyifo a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnne anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.

4 Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaawa a ofi Israel asase so no ka.

5 Na Siria hene no kae sɛ: Kɔ na bra, na mɛkyerɛw Israel hene no nhoma. Na osiim kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛse du ne sika nnwetɛbona mpemnsia ne ntade nsakraho du kurae.

6 Na ɔde nhoma no brɛɛ Israel hene sɛ: Sɛ nhoma yi ka wo nsa a, hwɛ, masoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn sɛ sa ne kwata no ma no.

7 Na Israel hene kan nhoma no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: So Onyankopɔn ne me na mekum na mama nkwa, sɛ oyi resoma aba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhu sɛ asɛm na ɔrepɛ me.

8 Na Onyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntade mu no, ɔsoma kɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Ɛdɛn nti na woasunsuane wo ntade mu? Ma ɔmmra me nkyɛn ɛ, na onhu sɛ odiyifo wɔ Israel.

9 Ɛnna Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ba begyinaa Elisa fi pon ano.

10 Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na koguare mpɛn ason Yordan mu, na wo ho bɛsan aba wo ho, na wo ho afi.

11 Ɛnna Naaman bo fuwii, osiim kɔe kae sɛ: Hwɛ, misusuwii sɛ: Ofi na obefi aba abegyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.

12 So Damasko nsubɔnten Abana ne Farpar nye nsen Israel nsu nyinaa? So anka merenguare mu na me ho mfi anaa? Na ɔdan ne ho de abufuw sii mu.

13 Na ne nkoa twiw bɛnee bɛka kyerɛɛ no sɛ: Agya, sɛ ade kɛse bi na odiyifo no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Na menne sɛ waka akyerɛ wo sɛ: Koguare na wo ho mfi!

14 Ɛnna osianee de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mpɛn asɔn, sɛnea Onyankopɔn nipa no asɛm no te; na ne honam san baa mu sɛ abofra ketewa honam, na ne ho fii.

15 Na ɔsan baa Onyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na wɔba begyinaa n’anim kae sɛ: Hwɛ, mahu sɛ Onyankopɔn bi nni asase nyinaa so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛde yi w’akoa nsam.

16 Na Onyankopɔn nnipa no se: Sɛ AWURADE a migyina n’anim te ase yi, merennye hwee. Na Naaman hyɛɛ no sɛ onnye, nso wampene.

17 Na Naaman kae sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmfa dɔte a mfurumpɔnkɔ abien betumi asoa mma w’akoa, na w’akoa remmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame biara bio sɛ AWURADE nko.

18 Asɛm yi mu nko na AWURADE mfa nkyɛ w’akoa: Sɛ me wura rekɔ Rimon fi akɔsɔre hɔ, na otweri me nsa so, na mekotow Rimon fi. Sɛ mekotow Rimon fi a, AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, asɛm yi mu.

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Na osiim fii ne nkyɛn kɔɔ ɔkwantiaa bi.


Gehasi sikapɛ ne ɛho asotwe

20 Na Onyankopɔn nipa Elisa abofra Gehasi kae sɛ: Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman yi, sɛ wannye nea ɔde bae no ne nsam; sɛ AWURADE te ase yi, metu mmirika matiw no makogye no hɔ biribi.

21 Na Gehasi tiw Naaman. Na Naaman hui sɛ obi de mmirika di n’akyi no, ofii teaseɛnam no mu sii fam behyiaa no kae sɛ: Asomdwoe mu anaa?

22 Na Gehasi se: Asomdwoe mu. Me wura asoma me sɛ: Hwɛ, mprempren yi mmerante baanu a wofi adiyifo mma no mu fi Efraim bepɔw so aba me nkyɛn, mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ talente biako ne ntade nsakraho abien.

23 Na Naaman kae sɛ: Pene so na gye talente abien. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree talente abien no mmoaa abien ne ntade nsakraho abien no, na ɔde soaa ne mmerante no mu baanu, na wɔsoa dii n’anim.

24 Na oduu koko no ho no, Gehasi gye fii wɔn nsam, na ɔde maa asie ofie, na ogyaa mmarima no kwan ma wɔkɔe.

25 Na ɔno de, ɔbae begyinaa ne wura ho. Na Elisa kae sɛ: Gehasi, ɛhe na wufi? Na ose: W’akoa nkɔɔ baabi ɛ!

26 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me koma ne wo ankɔ bere a ɔbarima no dan ne ho fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no? So bere a wogye dwetɛ na wogye ntade ne ngo nnua ne bobe nturo ne nguan ne anantwi ne nkoa ne mfanaa ni?

27 Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefo ho daa. Na ofii n’anim fii adi, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛma.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan