Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 4 - KYERƐW KRONKRON


Elisa boa ɔbea kunafo no

1 Na adiyifo mma no mu biako yere teɛɛm frɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, no wo ara wunim sɛ w’akoa suro AWURADE; na ɔkafo aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.

2 Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na menyɛ memma wo? Kyerɛ me ɛ, dɛn na wowɔ ofie? Na ose: W’afenaa nni hwee ofie gyee ngohina biako pɛ.

3 Na ɔkae sɛ: Fi adi kɔfemfɛm nhina wɔn a wɔtete bɛn wo nyinaa nkyɛn, nhina hunu, ma ɛnnɔɔso.

4 Na sɛ woba mu a, to wo ne wo mma no pon mu, na hwiehwie gu nhina no nyinaa mu, na fa nea ayɛ ma no sisi nkyɛn.

5 Na ofii ne nkyɛn kɔe, na ɔkɔtoo ne ho ne ne mma pon mu; wɔn de, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guguu mu.

6 Na nhina no yeyɛɛ amaama no, ɔka kyerɛɛ ne ba sɛ: Fa nhina bi brɛ me bio! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nhina bi nni hɔ bio; na ngo no twae.

7 Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no. Na Onyankopɔn nipa kae sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni nea aka no ntena ase.


Elisa ne Sunemni bea

8 Na da bi Elisa sen kɔɔ Sunem. Na ɔbea ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no sɛ ommedidi. Enti daa ɔretwam a, ɔman hɔ kodidi.

9 Na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, mahu sɛ Onyankopɔn nipa kronkron ne oyi a ɔbɛsen yɛn nkyɛn daa yi;

10 ma yɛnyɛ abansoro fasu mu pia ketewa bi, na yɛmfa mpadua ne ɔpon ne agua ne kaneadua nsisi hɔ mma no, na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, waman akɔ hɔ.

11 Na da bi ɔbaa hɔ, na ɔman kɔɔ abansoro pia no mu kɔdaa hɔ.

12 Na ɔka kyerɛɛ n’abofra Gehasi sɛ: Kɔfrɛ Sunemni no bra! Na ɔkɔfrɛɛ no bae, na obegyinaa n’anim.

13 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ, wode ɔhaw yi nyinaa ahaw wo ho ama yɛn. Dɛn na yɛnyɛ mma wo? Wowɔ asɛm bi a wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene anaa ɔsafohene? Na ose: Me de, mete me nkurɔfo mu.

14 Na ɔkae sɛ: Na dɛn na wɔnyɛ mma no? Na Gehasi se: Ampa, onni ba, na ne kunu nso anyin.

15 Na ɔkae sɛ: Frɛ no! Na ɔfrɛɛ no, na obegyinaa ɔpon ano.

16 Na ɔkae sɛ: Afedan sesɛɛ bere yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ose: Nyɛ sa, me wura, Onyankopɔn nipa, nni atoro nkyerɛ w’afenaa.

17 Na ɔbea no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima afedan no mu, bere a Elisa ka kyerɛɛ no no mu.

18 Na abofra no nyinii. Na da bi ofii adi kɔɔ n’agya nkyɛn awitwafo nkyɛn.

19 Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Me ti, me ti! Na ɔka kyerɛɛ aberante bi sɛ: Ma no so kɔma ne na.

20 Na ɔmaa no so de no brɛɛ ne na; na ɔde no tenaa ne nankoroma so kosii owigyinae, na owui.

21 Na ɔforo de no kɔtoo Onyankopɔn nipa no mpa no so, na ɔtoo ɔpon no mu na ofii adi.

22 Na ɔkɔfrɛɛ ne kunu sɛ: Mesrɛ wo, soma mmerante no mu biako ne mfurum abere no mu biako brɛ me, na mintutu mmirika menkɔ Onyankopɔn nipa no nkyɛn na memmra.

23 Na ɔkae sɛ: Ɛdɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsram foforo, na ɛnyɛ homeda. Na ose: Ɛwom.

24 Na ɔhyehyɛɛ afurummere no, na ɔka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Ka no kɔ ntɛm ara, ngow ammirikatu mu mma me, gye sɛ meka mekyerɛ wo.

25 Na osiim, na obeduu Onyankopɔn nipa no nkyɛn Karmel bepɔw so. Na Onyankopɔn nipa no huu no akyirikyiri no, ɔka kyerɛɛ n’abofra Gehasi sɛ: Hwɛ, Sunemni no ni.

26 Afei tu mmirika kohyia no, na bisa no se: Wo ho ye anaa? Wo kunu ho ye anaa? Abofra no ho ye anaa? Na ose: Wɔn ho ye.

27 Na oduu Onyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔw no so no, obesusoo ne nan; na Gehasi twiw bɛnee sɛ obesum no. Na Onyankopɔn nipa no kae sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ ahow wɔ no mu, na AWURADE de ahintaw me, na wanka ankyerɛ me.

28 Na ɔbea no kae sɛ: So mebɛsrɛɛ me wura hɔ ɔba? So manka sɛ: Nnaadaa me!

29 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bɔ wo ho so, na fa me poma kura na kɔ; woto obi a, nkyia no, nso obi kyia wo a, nnye no so: Na fa me poma no kɔto abofra no anim.

30 Na abofra no na kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo! Ɛnna ɔsɔre dii n’akyi.

31 Na Gehasi dii wɔn anim kɔe, na ɔde poma no kɔtoo abofra no anim; nanso wante ɛnne bi, na wanhu nkwa ho sɛnkyerɛnne bi. Na ɔsan kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abofra no nnyanee ɛ.

32 Na Elisa duu ofie hɔ no, na hwɛ, abofra no awu da ne mpa so.

33 Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pon mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae.

34 Na ɔforo kobutuw abofra no so, na ɔde n’ano butuw n’ano, na ɔde n’aniwa butuw n’aniwa so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abofra no so, na abofra no honam yɛɛ hyew.

35 Ɛnna ɔsan bae bɛnantew ɔdan no mu dii hɔ akɔneaba, na ɔforo kɔɔ bio kɔponoo ne mu wɔ no so. Ɛnna abofra no nwansii mpɛn asɔn, na abofra no buee n’aniwa.

36 Na ɔfrɛɛ Gehasi sɛ: Frɛ Sunemni no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔkae sɛ: Fa wo ba no!

37 Ɛnna ɔbae bɛhwee ne nan ase kotow no butuw fam, na ɔfaa ne ba no fii adi.


Ɔsɛn mu awuduru. Nnipa ɔha aduanma

38 Na Elisa san baa Gilgal. Na ɔkɔm aba asase no so, na adiyifo mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abofra sɛ: Fa ɔsɛnkɛse si so noa aduan ma adiyifo mma no.

39 Na obiako fi kɔɔ wuram sɛ ɔkɔtetew fan, na okohuu wuram hama bi, na ɔtetew so wuram ɛfere ne ntama ma, na ɔba betwitwaa mu guu ɔsɛn a aduan wɔ mu no mu; nso na wonnim.

40 Ɛnna wohwie maa nnipa no sɛ wonni. Na wɔredi aduan no bi no, wɔteɛɛm sɛ: Awuduru wɔ ɔsɛn no mu, Onyankopɔn nipa! Na wontumi nni.

41 Na ɔkae sɛ: Ɛnne momfa osiam mmra. Na ɔde guu ɔsɛn no mu, na ɔkae sɛ: Hwie ma nkurɔfo no na wonni. Na biribi bɔne bi nni ɔsɛn no mu bio.

42 Na ɔbarima bi nso fi Baal-salisa bae, na ɔbrɛɛ Onyankopɔn nipa no aba a edi kan, abodoo, atoko abodoo aduonu ne awi foforo a wonhuanee ɛ. Na ɔkae sɛ: Fa ma nkurɔfo no na wonni.

43 Na ne somfo no se: Ɛdɛn? Memfa eyi minsi nnipa ɔha anim anaa? Na ɔkae bio sɛ: Fa ma nkurɔfo no na wonni. Na sɛ AWURADE se ni: Wobedi na wɔagyaw bi.

44 Ɛnna ɔde sii wɔn anim; na wodii, na wogyaw bi, sɛnea Awurade kae no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan