2 Ahene 25 - KYERƐW KRONKRONBabel tukɔ ( 2 Berɛsosɛm 36.13-21 ; Yeremia 52.3b-11 ) 1 Na n’ahenni afe a ɛto so akron ɔsram a ɛto so du da a ɛto so du no, Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛbɔɔ so nsra, na wɔtotoo ho mpe hyiae. 2 Na wotuaa kurow kosii ɔhene Sedekia afe a ɛto so dubiako no mu. 3 Ɔsram a ɛto so anan da a ɛto so akron no na ɔkɔm no mu yɛɛ den kurow no mu, na aduan bi nni hɔ mma asase no so nkurɔfo no. 4 Ɛnna wotuu kurow no ɔfasu no mu tokuru, na ɔhene ne mmarima akofo no nyinaa guan anadwo faa afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pon mu kɔe; nso Kaldeafo no atwa kurow no ho ahyia; na ɔfaa Araba kwan so kɔe. 5 Na Kaldeafo dɔm tiw ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko tataw mu, na ne dɔm nyinaa fii ne ho petee. 6 Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla, na wobuu no atɛn. 7 Na wokunkum Sedekia mmammarima n’anim, na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na woguu no kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien na wɔde no kɔɔ Babel. 8 Na ɔsram a ɛto so anum da a ɛto so ason a ɛne Babel hene afe a ɛto so dunkron mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babel hene akoa baa Yerusalem, 9 na ɔbɛhyew AWURADE fi ne ɔhene fi ne Yerusalem afi nyinaa, na ɔde ogya hyew afi akɛse nyinaa. 10 Na Kaldeafo dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no buruw Yerusalem afasu no hyiae. 11 Na nkurɔfo no nkae a wɔkaa kurow no mu ne awaefo a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn ne nkurɔfo yuu no mu nkae no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe. 12 Na asase no so ahiafo no bi de, ankɔbeahene no gyaw wɔn, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfo ne akuafo. 13 Na kɔbere adum a ɛwɔ AWURADE fi no ne nsugye nnaka ne kɔbere po a ɛwɔ AWURADE fi no, Kaldeafo no bubui, na wɔsoaa kɔbere no kɔɔ Babel. 14 Na nseaa ne sesaw ade ne adumgya ne nsankawa ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae; 15 na nso kukuwa ne nkora no, nea ɛyɛ sika no sika, ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, na ankɔbeahene no fa kɔe. 16 Adum abien no, ɛpo biako no ne nsugye nnaka a Solomon yɛ maa AWURADE fi no, nneɛma yi nyinaa kɔbere no, wɔankari. 17 Adum no biako korɔn si basafa dunwɔtwe, na ɛso duntiri no yɛ kɔbere, na duntiri no korɔn si basafa abiɛsa na ntontan ne atea aba sɛso wowɔ duntiri no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere; na saa ara na odum a ɛto so abien no nso te, ntontan no ho. 18 Na awɛmfo no panyin no, faa ɔsɔfo panyin Seraia ne n’abediakyiri, ɔsɔfo Sefania, ne aponanohwɛfo baasa, 19 na kurow no mu nso ɔfaa opiani biako a wɔde no sii akofo no so ne ɔhene afotufo mu mmarima baanum a wohuu wɔn kurow no mu, ne ɔkyerɛwfo, ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfo kɔ ɔsa no ne asase no so nkurɔfo mu mmarima aduosia a wɔwɔ wɔn kurow no mu, 20 na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene anim wɔ Ribla. 21 Na Babel hene bobɔɔ wɔn kunkum wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wotuu Yuda fii wɔn asase so. Wodi Gedalia awu ( Yeremia 40.7-9 ; 41.1-3 ) 22 Na nkurɔfo a wɔkae Yuda asase so a Babel hene Nebukadnesar ma wɔkae no, ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia sii wɔn so amrado. 23 Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima, tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfo no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa: Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima. 24 Na Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima ntam na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro Kaldeafo nkoa no, montena asase yi so, na monsom Babel hene, na ebewie mo yiye. 25 Na ɔsram a ɛto so ason no, Elisama ba Netania ba Ismael a ofi ahemmusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛbobɔɔ Gedalia ma owui, ne Yudafo ne Kaldeafo a wɔka ne ho Mispa no nso. 26 Ɛnna nkurɔfo no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so, ne dɔm so asafohene no, sɔre kɔɔ Misraim, efisɛ wosuro Kaldeafo no. Ɔdom a wɔde dom Yehoiakin ( Yeremia 52.31-34 ) 27 Na Yuda hene tukɔ afe a ɛto so aduasa asɔn, ɔsram a ɛto so dumien da a ɛto so aduonu asɔn, ɛne afe a Babel hene Ewil-merodak dii mu hene no, ɔnam adom so yii Yuda hene Yehoiakin fi nneduadan mu, 28 na ɔne no kasaa ɔkasa pa, na ɔmaa n’agua so ma ɛkyɛn ahene a wɔne no wɔ Babel no agua, 29 na ɔma oyii ne dua-mu-nna ntade, na ɔne no didii daa, ne nkwa nna nyinaa; 30 na ɔhene ma wɔmaa no nneɛma bi daa, na ɛkɔɔ so ara ne nkwa nna nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana