Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 23 - KYERƐW KRONKRON


Yosia ti Onyankopɔn apam no mu
( 2 Berɛsosɛm 34.3-7 , 29-33 )

1 Na ɔhene no soma ma wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanyin nyinaa ano baa ne nkyɛn.

2 Na ɔhene foro kɔɔ AWURADE fi, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfo nyinaa ne asɔfo ne adiyifo ne ɔman mu no nyinaa, efi nketewa so kosi akɛse so, ka ne ho. Na ɔkenkan apam nhoma a wohuu AWURADE fi no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa asom.

3 Na ɔhene gyinaa sumpii no so, na ɔpamee AWURADE anim, sɛ ɔde koma nyinaa ne ɔkra nyinaa bedi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa kogyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.


Yosia gu abosonsom

4 Na ɔhene hyɛɛ ɔsɔfo panyin Hilkia ne asɔfo a wodi so no ne aponanohwɛfo no sɛ wonyi nneɛma a wɔayɛ ama Baal ne Asera ne ɔsoro asafo nyinaa no nyinaa mfi AWURADE aban no mu; na ɔde fii Yerusalem kɔhyewee, Kidron ho mfuwa mu, na ɔde ɛho nso no kɔɔ Betel.

5 Na otutuu asɔfo hunu a Yuda ahene sisii a wɔhyew nnuhuam Yuda nkurow mu ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea so, ne wɔn a wɔhyew nnuhuam ma Baal ne owia ne ɔsram ne owia atenae, nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa.

6 Na oyii Asera no fi AWURADE fi de fii Yerusalem kɔɔ Kidron subon ho, na ɔhyewee Kidron subon mu, na ɔyam no sɛ mfutuma, na ɔde ne mfutuma no guu nkurɔfo mma damoa so.

7 Na obubuu nguamannan a ɛwɔ AWURADE fi a mmea nwenee mmɔɔhɔɔ maa Asera wɔ mu no.

8 Na ɔkɔfaa asɔfo no nyinaa fii Yuda nkurow mu bae, na oguu sorɔnsorɔmmea a asɔfo no hyew hɔ nnuhuam no ho fi fi Geba kosii Beer-seba, na oburuw sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ nea wɔfa hyɛn kurow no so hwɛfo Yosua pon a ɛwɔ kurow pon no mu benkum so no.

9 Nanso sorɔnsorɔmmea asɔfo no ammɛbɔ AWURADE afɔremuka so afɔre Yerusalem, na wodii apiti no bi, wɔn nuanom mu.

10 Na woguu Tofet wokum a ɛwɔ Hinom mma bon mu no ho fi na obi amma ne babarima anaa ne babea amfa ogya mu amma Molek bio.

11 Na oyii apɔnkɔ a Yuda ahene de ama owia no AWURADE fi no ano de kɔɔ opiani Natan-melek dan a ɛwɔ akyiri abangua mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyewee.

12 Na afɔremuka a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahene sisii, ne afɔremuka a Manase sisii AWURADE fi abangua abien no so no, ɔhene dwiriwii, na oyi fii hɔ, na ɔde ne mfutuma koguu Kidron subon mu.

13 Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛe bepɔw nifa so a Israel hene Solomon si maa Sidonfo Astoret a ɛyɛ akyide, ne Moabfo Kemos a ɛyɛ akyide, ne Amonfo Milkom a ɛyɛ atantanne no, ɔhene guu ho fi.

14 Na obubuu adum no, na otwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu.

15 Bio nso afɔremuka a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛe no, afɔremuka no nso ne sorɔnsorɔmmea no, oburuwii, na ɔhyew sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ ma ɛyɛɛ mfuturu, na ɔhyew Asera nnua no.

16 Na Yosia dan ne ho na ohuu adamoa a ɛwowɔ bepɔw no so hɔ no, ɔsoma kɔfaa ada no mu nnompe bɛhyewee afɔremuka no so de guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a Onyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kae no te.

17 Ɛnna ɔkae sɛ: Nkaebo bɛn na ɛwɔ hɔ a mihu yi? Na kurow no mufo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae na ɔbɛkaa ade a woayɛ Betel afɔremuka yi no damoa.

18 Na ose: Momma ɔnna hɔ, obiara nnka ne nnompe. Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifo a ofi Samaria bae no nnompe.

19 Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkurow mu a Israel ahene yeyɛe sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛnea ɔyɛe Betel no ara.

20 Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa bobɔɔ afɔremuka no so afɔre, na ɔhyehyew nnipa nnompe wɔ so; na ɔsan baa Yerusalem.


Yosia di Twam afahyɛ
( 2 Berɛsosɛm 35.1-19 )

21 Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Munni Twam mma AWURADE mo Nyankopɔn, sɛnea wɔakyerɛw apam nhoma yi mu no.

22 Na efi atemmufo a wobuu Israel atɛn no bere so ne Israel ahene ne Yuda ahene bere so nyinaa wɔanni Twam bi sɛ eyi,

23 gye ɔhene Yosia afe a ɛto so dunwɔtwe no mu na wodii Twam yi maa AWURADE, Yerusalem.

24 Nanso asamanfrɛfo ne asumanfo ne ofie ahoni ne abosom ahoni ne akyide a wohui Yuda asase so ne Yerusalem no nyinaa, Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm a wɔakyerɛw nhoma a ɔsɔfo Hilkia kohuu AWURADE fi no mu no atim.

25 Na ne sɛso hene bi anni n’anim a ɔde ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dan baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyi nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.

26 Nanso AWURADE annan amfi n’abufuhyew kɛse a ɛdɛw hyɛɛ Yuda, abohuru a Manase de huruu ne bo no nyinaa nti, no mu.

27 Na AWURADE kae sɛ: Meyi Yuda nso afi m’anim, sɛnea miyii Israel no, na mapo Yerusalem kurow a mafa yi ne ofi a mekae sɛ: Me din bɛtena hɔ, no.

28 Na Yosia ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw no Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu.


Yosia wu

29 Ne bere so na Misraim hene Farao Neko tu bae ne Asaria hene kɔkoe asubɔnten Eufrate ho. Na ɔhene Yosia siim kohyiaa no; na Farao Neko bɛtoo no no, okum no Megiddo.

30 Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu fi Megido de no baa Yerusalem, na wosiee no ne da mu. Na asase no sofo no faa Yosia ba Yoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu.


Yoahas di Yuda so hene
( 2 Berɛsosɛm 36.2-4 )

31 Yoahas bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem. Na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna babea.

32 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ n’agyanom yɛe no ara.

33 Na Farao Neko kyekyeree no Ribla, Hamat asase so, sɛ onnni Yerusalem so hene, na ɔde dwetɛ dwetikɛse ha ne sika dwetikɛse biako tow too asase no so.


Yehoiakim di Yuda so hene

34 Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene sii n’agya Yosia ananmu, na ɔsakraa ne din too no Yehoiakim; na Yoahas de, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na okowui wɔ hɔ.

35 Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no bo sɛ wɔmma sika no sɛ Farao kae no: Obiara sɛ ne bobɔ te no, ogyee dwetɛ ne sika no fii asase no so nkurɔfo no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko.

36 Yehoiakim bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda, Pedaia a ofi Ruma babea.

37 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ n’agyanom yɛe no ara.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan