2 Ahene 20 - KYERƐW KRONKRONHesekia yare ne n’ayaresa ( Yesaia 38.1-8 , 21-22 ; 2 Berɛsosɛm 32.24-26 ) 1 Nna no mu no, Hesekia yaree owuyare. Na Amos ba odiyifo Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hyɛ wo fi samansew, na worebewu na worennya nkwa. 2 Ɛnna ɔdan n’ani kyerɛɛ ɔfasu, na ɔbɔɔ AWURADE mpae sɛ: 3 Ao, AWURADE, kae sɛnea manantew w’anim nokware ne koma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ nea eye w’ani so. Na Hesekia suu osu kɛse. 4 Na Yesaia nnya mfii mfinimfini abangua no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: 5 San kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfo no, sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn se ni: Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, me na mɛsa wo yare. Da a ɛto so abiɛsa no wobɛforo akɔ AWURADE fi. 6 Na mede mfirihyia dunum mɛto wo nna so, na megye wo ne kurow yi afi Asaria hene nsam, na mabɔ kurow yi ho ban, me ara ne m’akoa Dawid nti. 7 Na Yesaia se: Momfa borɔdɔma tɔw mmra. Na wɔde ba bɛtaree pɔmpɔ no so, na onyaa nkwa. 8 Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE bɛsa me yare, na da a ɛto so abiɛsa no mɛkɔ AWURADE fi? 9 Na Yesaia se: Eyi nyɛ wo AWURADE nsam sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE bɛyɛ ade a waka no: Sunsuma no nkɔ anim ntrapoe du anaasɛ ɛnsan n’akyi ntrapoe du? 10 Na Hesekia se: Ɛyɛ hare ma sunsuma sɛ esian ntrapoe du, dabi, na ma sunsuma no nsan n’akyi ntrapoe du. 11 Ɛnna odiyifo Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsuma no san n’akyi ntrapoe du, Ahas owia dɔn so ntrapoe a asian dedaw no so. Hesekia ahokyerɛ 12 Ɛbere no mu no, Babel hene Baladan ba Merodak-baladan somae ma wɔde nhoma ne ayɛyɛde brɛɛ Hesekia, efisɛ ɔtee sɛ Hesekia yaree. 13 Na Hesekia gyee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akorade dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akode dan nyinaa ne nea wohu n’akorade mu nyinaa. Biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn. 14 Ɛnna odiyifo Yesaia baa ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Nnipa yi se dɛn, na ɛhe na wofi baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wofi akyirikyiri asase bi so na ɛbae, wofi Babel. 15 Na ɔkae sɛ: Dɛn na wɔahu wo fi? Na Hesekia buae sɛ: Nea ɛwɔ me fi nyinaa, wɔahu; biribi nni m’akorade mu a mamfa mankyerɛ wɔn. 16 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie AWURADE asɛm: 17 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ose. 18 Na wo mma a wobefi wo mu a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafo. 19 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no ye. Na ɔkae sɛ: So ɛnyɛ sɛ asomdwoe ne nokware na ɛbɛba me bere so? 20 Na Hesekia ho nsɛm nkae ne ne mmaninne nyinaa ne sɛnea ɔyɛɛ ɔtare ne suka na ɔde nsu no baa kurow no mu no, wɔakyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu. 21 Na Hesekia wui, na ne ba Manase bedii n’ade. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana