Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 2 - KYERƐW KRONKRON


Elia sorokɔ

1 Na AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, Elia ne Elisa fi Gilgal kɔe.

2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na wosian kɔɔ Betel.

3 Na adiyifo mma a wɔwɔ Betel no fii adi baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ ɛnnɛ AWURADE rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn akɔ? Na ose: Yiw minim; monyɛ komm!

4 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na woduu Yeriko.

5 Na adiyifo mma a wɔwɔ Yeriko no twiw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: So wunim sɛ ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afi wo nkyɛn akɔ? Na ose: Yiw minim; monyɛ komm!

6 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yordan ano. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na wɔn baanu no kɔe.

7 Na adiyifo mma no mu aduonum kɔe kogyinagyinaa wɔn ntentenso akyirikyiri, na wɔn baanu no gyinaa Yordan ano.

8 Na Elia faa ne nguguso bobɔw de bɔɔ nsu no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase kesee so twae.

9 Na wotwae no, Elia ka kyerɛɛ Elisa se: Bisa nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn akɔ. Na Elisa sɛ: Ma wo honhom abupɛn abien mmra me so.

10 Na ɔkae sɛ: Woabisa ade a ɛyɛ den; nanso sɛ wuhu me sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ woanhu me de a, ɛrenyɛ.

11 Na wɔnam rekɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ a ɛbɛpaee wɔn baanu no ntam bae, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.

12 Na Elisa hwɛe na ɔteɛɛm sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo na ɔrekɔ no! Na wanhu no bio. Na osoo n’atade mu suanee mu abien,

13 na ɔmaa Elia nguguso a efii ne ho gui no so, na ɔsan begyinaa Yordan ano.

14 Na ɔde Elia nguguso a efii ne ho gui no bɔɔ nsu no mu kae sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no, wɔ? Na ɔbɔɔ nsu no mu no, ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.

15 Na adiyifo mma a wɔwɔ Yeriko wɔ ne ntentenso no huu no no, wɔkae sɛ: Elia honhom abesi Elisa so. Na wɔbae behyiaa no, na wɔkotow no butuw fam.

16 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima a wɔyɛ nnam aduonum wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sesɛɛ AWURADE honhom ama no so kɔ, de no akɔto mmepɔw no bi so anaa abon no bi mu. Na ose: Monnsoma!

17 Na wɔhyɛɛ no ara ma ɛyɛɛ no ahometew no, ɔkae sɛ: Monsoma! Na wɔsomaa mmarima aduonum, na wɔkɔhwehwɛe nnansa, nanso wɔanhu no.

18 Na wɔsan baa ne nkyɛn, na ɔno de, ɔte Yeriko, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: So manka mankyerɛ mo sɛ monnkɔ oo?


Elisa sa yare na ɔdome

19 Na kurow no mufo no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kurow yi dabea yɛ fɛ, sɛnea me wura hu yi; nanso nsu no nye, na asase no ma ɔpɔn.

20 Na ose: Mommrɛ me asanka foforo, na momfa nkyene ngu mu. Na wɔde brɛɛ no.

21 Na ofii adi kɔɔ nsuaniwa no ho, na okohwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Masa nsu yi yare, owu anaa ɔpɔn bi remfi mu hɔ bio.

22 Na nsu no yɛɛ yiye de besi nnɛ da yi, sɛ Elisa kae no.

23 Na ofii hɔ foro kɔɔ Betel; na ɔreforo akɔ ɔkwan no so no, mmofra nketewa fii kurow no mu bae begoruu ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Tipae, foro ɛ, tipae, foro ɛ!

24 Ɛnna ɔdan ne ho, ohuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisibere abien fi kwae no mu bae, bɛkyeree mmofra no mu aduanan abien, tetew wɔn mu.

25 Na ofii hɔ kɔɔ Karmel bepɔw ho, na ofii hɔ nso san baa Samaria.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan