2 Ahene 19 - KYERƐW KRONKRONHesekia bɔ mpae, na Yesaia hyɛ no baninha ( Yesaia 37.1-7 ) 1 Na ɔhene Hesekia tee no, osunsuanee ne ntade mu na ofuraa atweatam na osiim kɔɔ AWURADE fi. 2 Na ɔsomaa Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne asɔfo mu mpanyin a wofurafura ayitam kɔɔ Amos ba odiyifo Yesaia nkyɛn, 3 na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia se ni: Ahohia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma adu awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo. 4 Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asaria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ate no nti watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nkae a wɔwɔ hɔ no. 5 Na ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn. 6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura ni: Sɛ AWURADE se ni: Nsuro nsɛm a wotee a Asaria hene nkoa de abɛyaw me no anim. 7 Hwɛ, mede honhom bi mɛhyɛ no mu, na wate nsɛm bi, na wasan akɔ n’asase so, na mama watɔ nkrante ano n’asase so. 8 Na Rabsake sanee, na ɔkɔtoo Asaria hene sɛ ɔne Libna reko, efisɛ wate sɛ watu afi Lakis. 9 Na ɔtee Etiopia hene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsan somaa abɔfo baa Hesekia nkyɛn bio sɛ: 10 Sɛ monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia ni: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato no so no nnnyigye wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asaria hene nsa. 11 Hwɛ, wo ara woate nea Asaria ahene ayeyɛ nsaase nyinaa, asɛe no pasaa, na wo na wobegye wo anaa? 12 So amanaman a m’agyanom asɛe wɔn, Gosan ne Haran ne Resef ne Edenfo a wɔwɔ Telasar no anyame no gyee wɔn anaa? 13 Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwaim kurow ne Hena ne Iwa hene no wɔ? 14 Na Hesekia gyee nhoma no abɔfo no nsam, na ɔkenkanee; na ɔforo kɔɔ AWURADE fi, na Hesekia trɛw mu too AWURADE anim. 15 Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpae sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase. 16 Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’aniwa, AWURADE, na hwɛ! Na tie Senakerib nsɛm a wasoma sɛ wɔmfa mmɛsopa Onyankopɔn teasefo no. 17 Ɛwom, AWURADE, Asaria ahene asɛe amanaman ne wɔn nsaase, 18 na wɔatotow wɔn anyame agu ogya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔbo nko, na wɔasɛe wɔn. 19 Enti, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa nhu sɛ wo AWURADE ne Nyankopɔn, wo nkutoo ara nko! 20 Ɛnna Amos ba Yesaia soma kɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nea wobɔɔ me ɛho mpae Asaria hene Senakerib ho no, mate. 21 Eyi ne asɛm a AWURADE aka agu no so: Ɔbaabun Sion babea no bu wo animtiaa yi wo ahii, w’akyi na Yerusalem babea rewosow ne ti. 22 Hena na woasopa no na woayaw no? Na hena so na woama wo nne so na woama w’ani atra wo ntɔn? Wode ahyɛ Israel kronkronni no. 23 W’abɔfo so na wonam asopa Awurade aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodow no mɛforo makɔ mmepɔw atifi, Lebanon mu noho tɔnn, na metwitwa ne nkyeneduru atenten ne ɔpopaw a ɛyɛ fɛ no agu na makodu n’atenae a ɛwɔ akyirikyiri, ne kwaebirentuw mu. 24 Me na matutu mmura manom amannɔne nsu, na mede manammɔn mu mayow Misraim nsubɔnten nyinaa. 25 So wontee sɛ mifi meyɛe akyɛ, na mifi tete mmere mu na mehyɛɛ no saa? Afei na mama aba mu, sɛ wɔnsɛe nkurow a afasu atwa ho ahyia mma ɛnnan akurofo akuwakuw, 26 na emufo a wɔagurow no ho adwiriw wɔn na wɔn ani awu, na wɔadannan mfuwa so ahaban ne wura momono, adan atifi wura, ne awi a amma ne ho so na akisa. 27 Na w’asetena ne w’adifi ne wo muba no, minim, ɛne wo dam a wobɔ me so no. 28 Esiane sɛ wobɔ me so dam, na w’ahoahoa aforo abedu m’asom nti, mede me darewa mɛhyɛ wo hwenem na mede me nnareka bɛto w’anom, na masan wo mafa ɔkwan a wonam so bae no so akɔ. 29 Na eyi nyɛ wo sɛnkyerɛnne: Afe yi mu munni ntwakae a efifii, na afe a ɛto so abien no mu, nea ebedi akyiri aba. Na afe a ɛto so abiɛsa mu no, mungu na muntwa, na montɛw bobe nturo, na munni mu aba. 30 Na Yuda fi mu wɔn a wɔagye wɔn afi mu a wɔaka no, wobegye ntini bio, na wɔasow aba. 31 Na Yerusalem nkae bi befi, na nnipa a wɔafi mu anya nkwa nso afi Sion bepɔw so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ eyi. 32 Enti sɛ AWURADE se Asaria hene ho ni: Ɔremma kurow yi mu, na ɔrentow agyan mma ha, na ɔremfa ɔkyɛm mmehyia no, na ɔrenhɔre pempe nhyɛ no. 33 Ɔkwan a ɔnam so bae no so na ɔnam bɛsan akɔ, na kurow yi de, ɔremma mu, AWURADE na ose. 34 Na mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti a! Asiriafo di nkogu 35 Na anadwo no ara AWURADE bɔfo fi kokum Asaria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu. 36 Ɛnna Asaria hene Senakerib sii mu sanee, na ɔkɔtenaa Niniwe. 37 Na ɔresɔre ne nyame Nisrok fi no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrante kum no, na wofii mu guan kɔɔ Ararat asase so; na ne ba Esar-hadon bedii n'ade. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana