Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Ahene 18 - KYERƐW KRONKRON


Hesekia di Yuda so hene
( 2 Berɛsosɛm 29.1-2 ; 31.1 )

1 Na Israel hene Ela ba Hosea afe a ɛto so abiɛsa mu na Yuda hene Ahas ba Hesekia bedii hene.

2 Obedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene mfe aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Abi, Sakaria babea.

3 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, sɛnea n’agya Dawid yɛe nyinaa.

4 Ɔno na oyiyii sorɔnsorɔmmea no, na obubuu adum no, na otwitwaa Asera nnua no gui, na obubuu kɔbere a Mose yɛe no; na ɛde besi saa bere no na Israelfo hyew aduhuam ma no, na wɔfrɛɛ no Nehustan.

5 AWURADE Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toe, na n’akyi no obiara amma sɛ ɔno, Yuda ahene nyinaa mu, na obiara anni n’anim saa.

6 Na ɔbataa AWURADE ho, wansan amfi n’akyi, na odii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.

7 Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a ofi kɔ no, onya siade; na ɔtew Asaria hene so atua, na wansom no.

8 Ɔno na okunkum Filistifo koduu Gasa ne ɛho asase de fi awɛmfo abantenten so kosii kurow a afasu atwa ho ahyia so.

9 Na ɔhene Hesekia afe a ɛto so anan a ɛyɛ Israel hene Ela ba Hosea afe a ɛto so ason mu no, Asaria hene Salmaneser foro baa Samaria so bɛtoaa no ne no koe,

10 na mfe abiɛsa akyi no wɔfae; Hesekia afe a ɛto so asia a ɛne Israel hene Hosea afe a ɛto so akron no mu na wɔfaa Samaria.

11 Na Asaria hene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu,

12 efisɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne nea AWURADE akoa Mose hyɛe no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


Senakerib tua Yerusalem

13 Na ɔhene Hesekia afe a ɛto so dunan mu na Asaria hene Senakerib tu baa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae.

14 Na Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asaria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; san fi me so: Na nea wode bɛto me so no, mɛsoa. Na Asaria hene hyɛe sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛse ahasa ne sika dwetikɛse aduasa.

15 Na Hesekia de dwetɛ a wohui AWURADE fi ne ahemfi akorade mu no nyinaa mae.

16 Ɛbere no mu na Hesekia twitwaa AWURADE aban apon ne adum ho sika a Yuda hene Hesekia duraduraa ho no, na ɔde maa Asaria hene.

17 Ɛnna Asaria hene somaa ne sahene, anaa Tartan, ne Rabsaris anaa opiani ne ɔhene nsahyɛfo panyin anaa Rabsake fi Lakis ne dɔm a emu yɛ duru baa ɔhene Hesekia nkyɛn Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem; na wobegyinaa atifi tare a ɛwɔ Ɔtamahorofo asasewa no tempɔn ho no suka ho.

18 Na wɔbɛfrɛɛ ɔhene. Ɛnna Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so ne ɔkyerɛwfo Sebna ne ɔsɛnkafo Yoa, Asaf ba, fii adi kɔɔ wɔn nkyɛn.

19 Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛse no, Asaria hene no, se ni: Ɛdɛn koraa na wode wo ho to so yi?

20 Wususuw sɛ anosɛm nko yɛ akodi ho nyansa ne mmaninyɛ! Na afei, ɛhena so na wode wo ho to a enti wotew me so atua yi?

21 Afei, hwɛ, wode wo ho to demmire a abu yi so, ɛne Misraim a sɛ obi tweri no a, ɛwɔ ne nsam hwirew mu. Saa na Misraim hene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa.

22 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho to a, so ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔremuka yi anim na monsɔre no?

23 Na afei wo ne me wura Asaria hene nyɛ apam ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atenatena wɔn so.

24 Na nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo nti wode wo ho akɔto Misraim so yi, ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka me wura nkoa nketewa mu safohene biako po agu?

25 Afei, so mekwatii AWURADE na mebaa ha yi sɛ merebɛsɛe ha anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.

26 Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake sɛ: Wo ne wo nkoa nkasa Arameik kasa, na yɛn de, yɛte, na wo ne yɛn nnkasa Yuda kasa, nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no asom.

27 Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So wo wura, nni wo nkyɛn, na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi? So ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasu so yi nkyɛn, sɛ wonni wɔn ankasa sɛbew na wɔnnom wɔn dwensɔ sɛ mo ara?

28 Ɛnna Rabsake gyinae na ɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu kae sɛ: Muntie ɔhenkɛse no, Asaria hene no, asɛm:

29 Sɛ ɔhene se ni: Mommma Hesekia nnnyigye mo, na ɔrentumi nnye mo ne nsam,

30 nanso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Ogye na AWURADE begye yɛn, na wɔremfa kurow yi nhyɛ Asaria hene nsa.

31 Munntie Hesekia, na sɛ Asaria hene se ni: Mo ne me nni asomdwoesɛm, na mumfi mmra me nkyɛn, na munni mo bobe ne mo borɔdɔma no bi, na monnom mo mmura mu nsu,

32 nkosi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi so, awi ne nsa asase, aduan ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwo asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkrɛmakyene sɛ: AWURADE begye yɛn a, munntie.

33 So amanaman anyame no mu bi agye n’asase afi Asaria hene nsam pɛn?

34 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame no wɔ? So wɔagye Samaria me nsam anaa?

35 Nsaase no so anyame nyinaa mu henanom na wɔagye wɔn asase afi me nsam, na AWURADE begye Yerusalem afi me nsam anaa?

36 Na ɔman no muaa wɔn ano na wɔammua no asɛm bi, efisɛ ɛyɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛe sɛ: Mummmua no!

37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne ɔsɛnkaefo Yoa, Asaf ba, de wɔn ntade a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan