2 Ahene 17 - KYERƐW KRONKRONHosea yɛ Israel hene a odi akyiri 1 Yuda hene Ahas afe a ɛto so dumien mu na Ela ba Hosea bedii Israel so hene Samaria mfe akron. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso ɛnte sɛ Israel ahene a wodii n’anim no. 3 Ɔno so na Asaria hene Salmaneser bae, na Hosea yɛɛ no akoa, na ɔmaa no ayɛyɛde. 4 Na Asaria hene hui sɛ Hosea apam ne tiri so na wasoma abɔfo akɔ Misraim hene So nkyɛn, efisɛ wamfa ayɛyɛde ankɔma Asaria hene sɛ ɔyɛ daa afe no; ɛnna Asaria hene bɛkyeree no kɔtoo nneduadan mu. 5 Na Asaria hene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛkaa no hyɛɛ mu mfe abiɛsa. 6 Hosea afe a ɛto so akron mu na Asaria hene faa Samaria, na otuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu. Asaria tukɔ 7 Na ɛbaa saa, efisɛ Israelfo ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim asase so Misraim hene Farao nsam bae no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforo, 8 na wɔanantew amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no ahyɛde ne Israel ahene de a wɔhyehyɛe no mu. 9 Na Israelfo no nam ase dii nsɛm a ɛmfata ne AWURADE wɔn Nyankopɔn dii asi, na wosisii sorɔnsorɔmmea, wɔn nkurow nyinaa mu, efi awɛmfo abantenten so kosi kurow a afasu atwa ho ahyia so, 10 na wosisii adum ne Asera nnua, nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn; 11 na ɛhɔ na wɔhyew nnuhuam, sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn fii wɔn anim no, na wodii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo. 12 Na wɔsonsom ahonihunu a AWURADE aka wɔn ɛho asɛm sɛ: Munnni saa asɛm yi, no. 13 Na AWURADE nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa. 14 Nanso wɔantie, na wosinsen wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn anni no. 15 Na wɔpoo n’ahyɛde ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pamee ne n’adanse a odii wɔn no, na wokodii ahuhude akyi dii ahuhusɛm, na wokodii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi. 16 Na wogyaw AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔagu, nantwi mma abien, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal. 17 Na wɔmomaa wɔn mmammarima ne wɔn mmabea fofaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa ade, na wɔde wɔn ho mae sɛ wɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne de ahuru ne bo. 18 Enti AWURADE faa Israel abufuw sɛ, na oyii wɔn fii n’anim, wannyaw obi sɛ Yuda abusuakuw nko. 19 Yuda nso anni AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wɔnantew Israel ahyɛde a wɔyɛe no mu. 20 Enti na AWURADE poo Israel asefo nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui. 21 Na Israel tew fii Dawid fi ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel fii AWURADE akyidi ho ma wɔyɛɛ bɔne kɛse. 22 Na Israelfo kɔnantew Yeroboam bɔne a ɔyɛe no nyinaa mu; wɔamfi ho, 23 de kosii sɛ AWURADE yii Israel fii n’anim, sɛnea ɔnam ne nkoa adiyifo no nyinaa so kae no. Ɛno na wotuu Israel fii n’asase so kɔɔ Asaria de besi nnɛ. Samaria asefi 24 Na Asaria hene kɔfaa nnipa fii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn beduaa Samaria nkurow mu sii Israelfo no ananmu, na wodii Samaria so na wɔtenaa ne nkurow mu. 25 Na wɔn hɔ tena mfiase mu no na wonsuro AWURADE; na AWURADE somaa agyata baa wɔn mu a wokunkum wɔn mu binom. 26 Na wɔkɔka kyerɛɛ Asaria hene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abedua Samaria nkurow mu yi, wonnim asase no so Nyankopɔn no atemmude, enti wasoma agyata aba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, esiane sɛ wonnim asase no so Nyankopɔn no atemmude. 27 Ɛnna Asaria hene no hyɛe sɛ: Momma asɔfo a moatu wɔn hɔ no mu biako nkɔ hɔ, na wɔnkɔ nkɔtena hɔ, na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn asase no so Nyankopɔn no atemmude. 28 Na asɔfo a wotuu wɔn fii Samaria no mu biako ba bɛtenaa Betel, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wonsuro AWURADE. 29 Nanso amanaman no yeyɛɛ wɔn anyame, na wɔde wɔn sisii sorɔnsorɔmmea adan a Samariafo yeyɛe no mu, ɔman biara, wɔn nkurow a wɔte mu no mu. 30 Na Babelfo no yɛɛ Sukot-benot, na Kutfo no yɛɛ Nergal, na Hamatfo no yɛɛ Asima, 31 na Awifo no yɛɛ Nibhas ne Tartak, na Sefarwifo de ogya hyehyew wɔn mma maa Adramelek ne Anamelek, Sefarwaim anyame no. 32 Na wosuroo AWURADE nso, na wɔde wɔn ara mu nnipa horow sisii sorɔnsorɔmmea asɔfo, na wɔbobɔɔ afɔre maa wɔn, sorɔnsorɔmmea afi no mu. 33 Wosuroo AWURADE na wɔsonsom wɔn ankasa anyame, sɛ amanaman a wotuu wɔn fii hɔ bae no amanne te. 34 Ɛde besi nnɛ, wɔyɛ wɔn kan nneyɛe no ara. Wonsuro AWURADE, na nso wonni ahyɛde ne atemmude ne mmara ne ɛmom a AWURADE hyɛɛ Yakob a ɔtoo no din Israel no mma no so. 35 Wɔn na AWURADE ne wɔn pamee, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Munnsuro anyame foforo na monnsɔre wɔn na monnsom wɔn, na mommmɔ wɔn afɔre, 36 na mmom AWURADE a ɔde ahoɔden kɛse ne basa a wateɛ mu koyii mo fii Misraim asase so bae no, ɔno na munsuro no, na ɔno na monsɔre no, na ɔno na mommɔ no afɔre. 37 Na ahyɛde ne atemmude ne mmara ne ɛmom a ɔkyerɛw maa mo no, munni so nyɛ nna nyinaa, na munnsuro anyame foforo. 38 Na apam a me ne mo pamee no, mommma mo werɛ mmfi, na munnsuro anyame foforo, 39 na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na munsuro no, na ɔno na obeyi mo afi mo atamfo nyinaa nsam. 40 Nanso wɔantie, na mmom sɛ wɔn kan atemmude te no ara na wɔyɛe. 41 Sɛɛ na amanaman yi suroo AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasinsen no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛnea wɔn agyanom yɛe no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de besi nnɛ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana