2 Ahene 16 - KYERƐW KRONKRONAhas di Yuda so hene ( 2 Berɛsosɛm 28.1-27 ) 1 Remalia ba Peka afe a ɛto so dunson mu na Yuda hene Ahas a ɔyɛ Yotam ba bedii hene. 2 Ahas bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu, na odii hene mfirihyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ nea ɛteɛ AWURADE ne Nyankopɔn ani so sɛ n’agya Dawid. 3 Na ɔfaa Israel ahene kwan so, na ne ba po ɔma ɔfaa ogya mu, sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide te no. 4 Na ɔbobɔɔ afɔre na ɔhyew nnuhuam sorɔnsorɔmmea ne nkoko so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase. 5 Ɛbere no mu na Siria hene Resin ne Israel hene Remalia a ne ba ne Peka, foro baa Yerusalem bɛkoe; na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi anni no so. 6 Ɛbere no mu ara na Siria hene Resin gyee Elat san maa Siria, na ɔpam Yudafo no fii Elat, na Edomfo baa Elat bɛtenaa hɔ de besi nnɛ. 7 Na Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asaria hene Tiglat-pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra begye me Siria hene ne Israel hene a wɔasɔre ahyɛ me yi nsam. 8 Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wohui AWURADE fi ne ɔhene fi akorade mu no soma ma wɔde kɔmaa Asaria hene sɛ ayɛyɛde. 9 Na Asaria hene tiee no, na Asaria hene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na otuu wɔn kɔtenaa Kir, na okum Resin. 10 Na ɔhene Ahas siim kohyiaa Asaria hene Tiglat-pileser wɔ Damasko. Na okohuu afɔremuka a ɛwɔ Damasko no, na ɔhene Ahas de afɔremuka no nsɛso ne nsusuwso sɛnea ne yɛbea nyinaa te soma brɛɛ ɔsɔfo Uria. 11 Na ɔsɔfo Uria sii afɔremuka no sɛnea ɔhene Ahas soma fii Damasko brɛɛ no no, saa na ɔsɔfo Uria yɛ siee ɔba a ɔhene Ahas fi Damasko bae no. 12 Na ɔhene fi Damasko bae no, ɔhene behuu afɔremuka no, na ɔhene twiw bɛn afɔremuka no, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre. 13 Na ɔhyew ne hyew afɔre ne n’aduan afɔre, na ohwiee n’ahwiesa, na ɔde n’asomdwoe afɔre mogya petee afɔremuka no so. 14 Na kɔbere afɔremuka a esi AWURADE anim no, otwiw fii asɔredan no anim, afɔremuka foforo no ne AWURADE dan no ntam, de kosii afɔremuka no nkyɛn mu benkum fam. 15 Na ɔhene Ahas hyɛɛ ɔsɔfo Uria sɛ: Afɔremuka kɛse no so na hyew anɔpa hyew afɔre ne anwummere aduan afɔre ne ɔhene hyew afɔre ne n’aduan afɔre ne asase yi sofo nyinaa hyew afɔre ne wɔn aduan afɔre ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyew afɔre mogya nyinaa ne okum afɔre mogya nyinaa pete so; na kɔbere afɔremuka no nsi me hɔ na minnwen ho. 16 Na ɔsɔfo Uria yɛɛ sɛnea ɔhene Ahas hyɛɛ no nyinaa. 17 Na ɔhene Ahas twitwaa nnaka no nhyehyɛmu no, na oyiyii so aguasɛn no, fii kɔbere anantwi a ɛwɔ ase no so, na ɔde sii abonsɛwee bi so. 18 Na ɔkwan a wɔakata so a wɔfa so homeda a wɔyɛe ofi no mu ne ɔhene mfikyikwan no, Asaria hene nti oyi kɔtoo AWURADE fi. 19 Na Ahas ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe no, so wɔankyerɛw Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu? 20 Na Ahas wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kurow mu; na ne ba Hesekia bedii n’ade. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana