2 Ahene 11 - KYERƐW KRONKRONAtalia ahenni ne ne wu ( 2 Berɛsosɛm 22.10—23.15 ) 1 Na Ahasia ne na Atalia hui sɛ ne ba awu no, ɔsɔree na okunkum ahenni no asefo nyinaa. 2 Na ɔhene Yoram babea Yehoseba, Ahasia ne nuabea, faa Ahasia ba Yoas na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu de no ne ne gyigyefo kɔɔ pia mu, na wɔde no hintaw fii Atalia anim na wɔankum no. 3 Na ɔne no hintaw AWURADE fi mfe asia. Na Atalia dii asase no so hemmaa. 4 Na afe a ɛto so ason mu no, Yehoiada soma kɔfaa Karifo ne ammirikatufo no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fi, na ɔne wɔn pamee, na ɔma wɔkekaa ntam AWURADE fi, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn. 5 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Ade a monyɛ ni: Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu biako mmra mo dibea homeda, na mommɛwɛn ɔhene fi, 6 na nkyɛmu biako ntena Sur pon ano, na nkyɛmu biako nso ntena ammirikatufo akyi pon no ano; na monwɛn ofi no mmɔ ho ban. 7 Na mo mu asafokuw abien, wɔn a wofi wɔn dibea so homeda no nyinaa nwɛn AWURADE fi no, ɔhene ho. 8 Na muntwa ɔhene no ho nhyia, munkurakura mo akode; na nea ɔbɛba nkyerɛpɛn no mu no, wonkum no; na montena ɔhene ho, n’adifi ne ne muba mu. 9 Na asafohene no yɛe sɛnea ɔsɔfo Yehoiada hyɛe no nyinaa, na wɔfofaa wɔn nnipa a wɔbaa wɔn dibea so homeda ne wɔn a wofii mu homeda no, na wɔbaa ɔsɔfo Yehoiada nkyɛn. 10 Na ɔsɔfo no de ɔhene Dawid mpeaw ne akyɛm a ɛwɔ AWURADE fi no momaa asafohene no. 11 Na awenfo no gyinagyina hɔ kurakura wɔn akode, efi ɔdan no nifa twea so kosi ɔdan no benkum twea so, afɔremuka no ho ne ɔdan no ho, atwa ɔhene no ho ahyia. 12 Na oyii ɔhene ba no fii adi, na ɔde ahemmotiri no bɔɔ ne ti, na ɔde adanse no hyɛɛ ne nsa, na wosii no hene, na wɔsraa no, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa! 13 Ɛnna Atalia tee awɛmfo ne ɔman no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfo no nkyɛn AWURADE fi; 14 na obehui, na hwɛ, ɔhene no gyina sumpii no so sɛnea amanne no te, na asafohene no ne ntorobɛntohyɛnfo wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfo no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntade mu, na ɔteɛɛm sɛ: Atirisopam, atirisopam? 15 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no so no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi no mfa nkyerɛpɛn no mu mfi, na nea obedi n’akyi no, momfa nkrante nkum no. Na ɔsɔfo no kae sɛ: Wonnkum no AWURADE fi. 16 Enti wosoo no mu de no kɔfaa ɔkwan a apɔnkɔ nam so ba ahemfi no so, na wokum no hɔ. 17 Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnnyɛ AWURADE man, na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam. 18 Ɛnna asase no so nkurɔfo nyinaa kɔɔ Baal fi koburuw n’afɔremuka ne n’ahoni no, wobubuu no pasaa, na Baal sɔfo Matan nso, wokum no afɔremuka no anim. Na ɔsɔfo no de awɛmfo sisii AWURADE fi no ho. 19 Na ɔfaa ɔha ha so safohene ne Karifo ne awɛmfo ne asase no so nkurɔfo nyinaa, na wɔde ɔhene no fii AWURADE fi san bɛfaa ammirikatufo pon ano kwan so baa ɔhene fi, na ɔtenaa ahengua no so. 20 Na asase no so nkurɔfo nyinaa ani gyei, na kurow no mu dwoe; na Atalia de, wɔde nkrante kum no ɔhene fi hɔ. 21 Yoas bedii hene no, na wadi mfirihyia ason. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana