Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Yohane 5 - KYERƐW KRONKRON


Gyidi mu tumi ne n’adansedi

1 Obiara a ogye di sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn na wawo no; na obiara a ɔdɔ nea ɔwoe no, ɔdɔ nea ɔwoo no no nso.

2 Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma.

3 Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.

4 Efisɛ biribiara a Onyankopɔn woe no di wiase so nkunim, na nkunim a adi wiase so ne yɛn gyidi.

5 Ɛhena ne nea odi wiase so nkunim sɛ nea ogye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba no?


Onyankopɔn Ba no ho adanse

6 Oyi ne nea ɔnam nsu ne mogya so bae, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsu nko mu, na mmom ɛyɛ nsu ne mogya mu. Na honhom no na edi adanse, efisɛ honhom no ne nokware.

7 Na baasa na edi adanse,

8 honhom ne nsu ne mogya, na baasa yi bom yɛ biako.

9 Yegye nnipa adanse a, Onyankopɔn adanse so kyɛn no, na Onyankopɔn adanse ne adanse a wadi ne ba ho no.

10 Nea ogye Onyankopɔn ba no di no wɔ adanse n’ankasa ne mu. Nea onnye Onyankopɔn nni no ama wadan ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn adi ne ba ho no anni.

11 Na eyi ne adanse no, sɛ Onyankopɔn ama yɛn daa nkwa, na nkwa yi wɔ ne ba no mu.

12 Nea ɔwɔ ɔba no wɔ nkwa no; nea onni Nyankopɔn ba no, onni nkwa no.


Awiei

13 Eyinom na makyerɛw mabrɛ mo a mugye Onyankopɔn ba no din di, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Onyankopɔn ba no din adi.

14 Na nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.

15 Na sɛ yenim sɛ otie yɛn, nea yɛsrɛ no ho a, yenim sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛasrɛ ne nkyɛn no.

16 Sɛ obi hu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɛsrɛ, na Onyankopɔn bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owu mu; ɛno ho de, menka sɛ ommisa.

17 Nea ɛnteɛ nyinaa yɛ bɔne, na bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔ owu mu.

18 Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne; na mmom nea Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔnefo no nka no.

19 Yenim sɛ, yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa hyɛ ɔbɔnefo no tumi ase.

20 Na yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba na wabɛma yɛn ntease a yɛde hu ɔnokwafo no. Na yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu. Oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.

21 Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfi ahonisom ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan