Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Yohane 3 - KYERƐW KRONKRON

1 Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.

2 Adɔfo, afei yɛyɛ Onyankopɔn mma, na nea yɛbɛyɛ no nnya nnaa adi. Na yenim sɛ, sɛ oyi ne ho adi a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.

3 Na obiara a ɔwɔ ne ho anidaso yi no, ɔtew ne ho sɛnea ɔno ho tew.

4 Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ de to mmara, na bɔne ne mmarato.

5 Na munim sɛ ɔno de, oyii ne ho adi sɛ ɔrebɛsoa bɔne, na bɔne nni ne mu.

6 Obiara a ɔte ne mu no nyɛ bɔne. Obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu no, nanso onnim no.

7 Mma nkumaa, mommma obiara nnnaadaa mo. Nea ɔyɛ nea ɛteɛ no, ɔteɛ sɛnea ɔno nso teɛ.

8 Nea ɔyɛ bɔne no fi bonsam, efisɛ ɔbonsam na ofi mfiase yɛɛ bɔne. Eyi nti na Onyankopɔn Ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.

9 Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, efisɛ ne su te ne mu, na ontumi nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn na wawo no.

10 Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.


Monnodɔ mo ho

11 Na eyi ne kaseɛ a moate fi mfiase sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no,

12 ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de no de, ɛteɛ.

13 Anuanom, wiase tan mo a, mommma ɛnnyɛ mo nwonwa.

14 Yɛn de, yenim sɛ yɛatwam afi wu mu akɔ nkwa mu, efisɛ yɛdɔ anuanom. Nea onni dɔ no te wu mu.

15 Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentena owudifo biara mu.

16 Eyi mu na yɛahu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.

17 Na nea ɔwɔ wiase asetenade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn?

18 Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.

19 Na eyi mu na yebehu sɛ yefi nokware no mu, na yebedwudwo yɛn koma wɔ n’anim sɛ,

20 sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ a, Onyankopɔn so kyɛn yɛn koma na ohu ade nyinaa.

21 Adɔfo, sɛ yɛn koma mmu yɛn fɔ a, ɛnne yɛde nnam kɔ Onyankopɔn anim,

22 na biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.

23 Na eyi ne n’ahyɛde, sɛ yennye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛnea ɔmaa yɛn ahyɛde no.

24 Na nea odi n’ahyɛde so no te ne mu, na ɔno nso te ne mu. Na nea yɛde hu sɛ ɔte yɛn mu ne honhom a ɔde ama yɛn no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan