Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Yohane 2 - KYERƐW KRONKRON


Kristo yɛ Ɔkamafo

1 Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafo bi, Agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo.

2 Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.

3 Na, sɛ yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yenim no.

4 Nea ɔka sɛ: Minim no, na onni n’ahyɛde so no yɛ ɔtorofo, na nokware no nni ne mu.

5 Na obiara a odi n’asɛm so no, ampa ara, ɔno mu na Onyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ. Eyi na yɛde hu sɛ yɛwɔ ne mu.

6 Nea ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno nso nantewee.


Ahyɛde foforo

7 Adɔfo, ɛnyɛ ahyɛde foforo na merekyerɛw mabrɛ mo, na mmom ahyɛde dedaw a moanya fi mfiase no. Ahyɛde dedaw no ne asɛm a moate no.

8 Nso merekyerɛw ahyɛde foforo mabrɛ mo a ɛyɛ nokware wɔ ɔno ne mo mu: Sɛ esum retwam, na nokware hann no anya rehyerɛn.

9 Nea ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan ne nua no, ɔda so wɔ sum mu ara de besi sesɛɛ.

10 Nea ɔdɔ ne nua no te hann no mu, na hintidua nni ne mu.

11 Na nea ɔtan ne nua no te sum mu na ɔnam sum mu, na onnim nea ɔrekɔ, efisɛ esum no afura n’ani.

12 Mma nkumaa, merekyerɛw mabrɛ mo, sɛ ne din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.

13 Agyanom, merekyerɛw mabrɛ mo efisɛ munim nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no. Mmerante, merekyerɛw mabrɛ mo sɛ, moadi ɔbɔne no so nkonim.

14 Mmofra nkumaa, merekyerɛw mabrɛ mo sɛ, moahu Agya no. Agyanom merekyerɛw mabrɛ mo sɛ, efisɛ munim nea ɔwɔ hɔ fi mfiase no Mmerante makyerɛw mabrɛ mo mo ho yɛ den, na Onyankopɔn asɛm no te mo mu, na moadi ɔbɔne no so nkonim.


Wiase dɔ ne Onyankopɔn dɔ

15 Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.

16 Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, emfi Agya no, na mmom efi wiase.

17 Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.


Antikristo no ho kɔkɔbɔ

18 Mmofra nkumaa, ɛdɔn a edi akyiri ni. Na sɛnea moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na mprempren yi antikristo bebree aba nen; ɛno na yɛde hu sɛ dɔn a edi akyiri ni.

19 Wofi yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.

20 Na mo de, moanya ɔsra no afi ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.

21 Mankyerɛw mammrɛ mo sɛnea munnim nokware no, na mmom sɛ munim, ne sɛ atoro biara mfi nokware no mu.

22 Ɛhena ne ɔtorofo no sɛ nea ɔsan sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne ɔba no.

23 Obiara a ɔpo ɔba no, onni Agya no nso, na nea ɔpaem bɔ Ɔba no din no wɔ Agya no nso.

24 Enti mo de, nea mote fii mfiase no, momma ɛntena mo mu; na sɛ nea mote fii mfiase no tena mo mu a, ɛnne mo nso mobɛtena Ɔba no ne Agya no mu.

25 Na ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn ne daa nkwa no.

26 Nea makyerɛw mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho.

27 Na mo de, ɔsra a munyae ne nsam no te mo mu, enti enhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛnea ɔsra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro. Na sɛnea akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!

28 Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛm, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.


Nyankopɔn mma

29 Sɛ munim sɛ ɔyɛ ɔtreneeni a, anka mobehu sɛ obiara a ɔyɛ adetrenee no, ɔno na Onyankopɔn awo no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan