1 Timoteo 6 - KYERƐW KRONKRON1 Nkoa dodow a wɔwɔ kɔnnua ase no mmu wɔn wuranom sɛ nidi nyinaa sɛ wɔn, na Onyankopɔn din ne kyerɛkyerɛ no ho anhura. 2 Na mma wɔn a wɔwɔ wuranom gyidifo mmmu wɔn animtiaa sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yiye, efisɛ wɔn a wonya yiyeyɛ no mu biribi no yɛ gyidifo ne adɔfo. Eyinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho fo. Nkontompo nkyerɛkyerɛ 3 Sɛ obi kyerɛ, nkyerɛkyerɛ foforo na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a eye no ne nkyerɛnkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a, 4 wahoman, na onnim hwee, na mmom ɔyare akyinnyegye ne ɔnokotwa a nea efi mu ba ne nitan, kunsunkunsun, nsekudi, nnipa ho adwemmɔne, 5 mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwenem asɛe, na nokware abɔ wɔn a wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ adepɛde. Adifudepɛ 6 Nso onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse mmom. 7 Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. 8 Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔso mma yɛn. 9 Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. 10 Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyi yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho. Adesrɛ bi 11 Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi. 12 Ko gyidi ko pa no, so daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ wo na wopaee mu kaa no yiye adansefo pii anim no mu. 13 Mitu wo fo Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yiye dii ho adanse Pontio Pilato anim no anim 14 sɛ, hwɛ ahyɛde no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kosi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyi so. 15 Ɛno na nea ɔbɛkyerɛ bere a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfo koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade, 16 nea ɔno nko wɔ daa nkwa a owu nnim, te hann a obi nnya ho kwan mu, nea nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no no, ɔno na nidi ne daa tumi wɔ no. Amen. Otu adefo fo 17 Kasa kyerɛ adefo a wɔwɔ wiase sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so, 18 sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsam ngow, 19 na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu. Awiei ne nhyira 20 O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so; twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew, ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no akyinnyesɛm no ho. 21 Ɛno na ebinom yi kyerɛe pae fii gyidi no ho. Adom nka mo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana