1 Timoteo 2 - KYERƐW KRONKRONAsafo no mmɔ mpae 1 Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa, 2 ahemfo ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu. 3 Na eyi ye, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn 4 a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani. 5 Na Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ, ne Onyankopɔn ne nnipa ntam gyinafo koro, ɔne onipa Kristo Yesu 6 a ɔde ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa, — sɛ ɛnyɛ adanse ɛbere a wɔahyɛ mu. 7 Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafo ne somafo (meka nokware, minni atoro), amanaman kyerɛkyerɛfo, gyidi ne nokware mu. Asɔre mu abrabɔ 8 Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpae wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho tew so a abufuw anaa akyinnye mma mu. 9 Saa ara nso na mmea nhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔw anaa sika anaa nhene pa anaa ntade a ɛwɔ bo mu, 10 na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmea a woyi onyamesom kyerɛ mu. Ɔbea hyɛ ɔbarima ase 11 Mmea nyɛ komm nsua asɛm no ahobrɛase nyinaa mu. 12 Ɔbea de, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm. 13 Efisɛ wɔbɔɔ Adam kan, ansa na Hawa dii hɔ. 14 Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbea no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara; 15 nanso sɛ ɔtena gyidi ne ɔdɔ ne ahotew ne adwenemtew mu a, wobegye no nkwa n’abawo mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana