1 Tesalonikafo 5 - KYERƐW KRONKRONObiara nnim da ko a Awurade bɛsan aba 1 Na nna no ne mmere no de, anuanom, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo. 2 Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. 3 Na bere a wɔbɛka se: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnne mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan. 4 Na mo de, anuanom, munni sum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifo. 5 Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea. 6 Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ. 7 Efisɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔbow bow anadwo, 8 na yɛn a yɛyɛ adekyee de yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw. 9 Efisɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuw, na mmom oyii yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye. 10 Ɔno na owu maa yɛn sɛ yenyan oo, yɛda oo, yɛne no ntena nkwa mu. 11 Enti muntutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛnea moreyɛ no. Afotu ahorow 12 Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ munhu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo, 13 na mummu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoe mu. 14 Afei yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa. 15 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka, na mmom munni nea eye akyi daa, mo ne nnipa nyinaa ho. 16 Momma mo ani nnye daa; 17 munnnyae mpaebɔ da! 18 Monna ase ade nyinaa mu, na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, Kristo Yesu mu wɔ mo ho. 19 Munnnum honhom no, 20 monntew adiyisɛm atua! 21 Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu den. 22 Munyi mo ho mfi bɔne su nyinaa ho. 23 Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm bi yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu. 24 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ. Nkradi 25 Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn. 26 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa. 27 Mehyɛ mo Awurade mu sɛ momma wɔnkenkan nhoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa. 28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana