Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Tesalonikafo 4 - KYERƐW KRONKRON


Abrabɔ a ɛsɔ Nyankopɔn ani

1 Nea edi akyiri no, anuanom, yɛsrɛ mo na yetu mo fo Awurade Yesu mu, sɛ nea moasua yɛn nkyɛn, sɛnea ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma ɛmmoro so.

2 Na munim ahyɛde a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.

3 Na eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew. Munyi mo ho mfi aguamammɔ mu,

4 sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa yere ahotew ne nidi mu,

5 ɛnyɛ akɔnnɔ anibere mu sɛ amanaman a wonnim Nyankopɔn no;

6 sɛ obiara nntra nnkosisi ne nua asɛm bi mu, efisɛ Awurade ne eyinom nyinaa weretɔfo, sɛnea yɛka kyerɛɛ mo kan na yedii mo adanse no.

7 Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahotew mu.

8 Enti nea ɔtew ahi ntew onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.

9 Na onuadɔ ho de, enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo, efisɛ mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;

10 na moyɛ saa nso anuanom nyinaa a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho. Nanso, anuanom, yetu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro so,

11 na mommɔ mmɔden nyɛ komm, na monyɛ mo ankasa ade, na momfa mo ankasa nsa nyɛ adwuma, sɛnea yɛhyɛɛ mo no,

12 na moanantew sɛnea ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyiri no anim, na biribiara anhia mo.


Awurade ba

13 Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ yesi mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no.

14 Na sɛ yegye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba.

15 Na yɛn de, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete ase na yɛretena ase akosi Awurade ba mu no rensan wɔn a wɔadeda no ho,

16 efisɛ Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian, na Kristo mu awufo bɛsɔre kan,

17 ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete ase na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yenkohyia Awurade ewim, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.

18 Enti momfa nsɛm yi nkyekyekyekye mo werɛ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan