1 Tesalonikafo 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafo asafo a ɛwɔ agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. Ɔdom ne asomdwoe nka mo. Tesalonikafo abrabɔ ne wɔn gyidi 2 Da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, na yɛbɔ mo din yɛn mpaebɔ mu, 3 na daa yɛkae mo gyidi adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidaso mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne agya anim. 4 Nanso, anuanom a Onyankopɔn dɔ mo, yenim mo yi a wɔayi mo, 5 efisɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn sɛ ɔkasa ara kwa, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron ne ntease bebree mu nso, sɛnea munim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra fae wɔ mo mu no. 6 Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafo de Honhom Kronkron mu anigye agye asɛm no ahohia pii mu, 7 na ama moayɛ nhwɛso ama wɔn a wogye di wɔ Makedonia ne Akaia nyinaa. 8 Efisɛ efi mo mu na Awurade asɛm no bɔ petee, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko, na mmom mo gye a mugye Onyankopɔn di no atrɛw adu mmaa nyinaa, enti ɛmma enhia yɛn sɛ yɛka ho asɛm bi. 9 Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mugyee yɛn too mu, ne sɛnea moadan afi ahoni ho aba Onyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefo nokwafo, 10 na moatwɛn ne Ba a onyan no fii awufo mu no afi soro, ɔne Yesu a oyi yɛn fi abufuw a ɛreba no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana