Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 7 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Kiriat-yearimfo bae bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fi, koko no so, na wodwiraa ne ba Eleasar sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.


Samuel di Israelfo so

2 Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛe wɔ hɔ; edii mfirihyia aduonu. Na Israel fi nyinaa dii nkɔmmɔ hwehwɛɛ AWURADE akyi kwan.

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fi nyinaa sɛ: Sɛ mode mo koma nyinaa resan aba AWURADE nkyɛn a, munyi ananafo anyame ne Astarot no mfi mo mu, na munsiesie mo koma mma AWURADE, na monsom no nko, na obeyi mo Filistifo nsam.

4 Ɛnna Israelfo no yii Baal nyinaa ne Astarot, na wɔsom AWURADE nko.

5 Na Samuel kae sɛ: Munhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpae memma mo.

6 Na wobehyiae wɔ Mispa, na wɔsaw nsu hwie guu AWURADE anim, na wobua dae da no, na wɔkae hɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel dii Israelfo hene wɔ Mispa.

7 Na Filistifo tee sɛ Israelfo akohyia Mispa no, Filistifo asafohene foro baa Israel so. Na Israelfo tee no, wosuroo Filistifo no.

8 Na Israelfo no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nnyae osu a woresu afrɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛn no, na onnye yɛn mfi Filistifo nsam.

9 Na Samuel faa oguanten ba a onum de no bɔɔ ɔhyew afɔre mu maa AWURADE, na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

10 Na Samuel rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no twiw bɛnee sɛ wɔne Israelfo rebɛko, na AWURADE paepaee aprannaa akɛse guu Filistifo no so da no, na ɔkaa wɔn gui ma wɔtotɔe Israelfo anim.

11 Na Israel mmarima fii adi fii Mispa kɔtaa Filistifo no, na wokunkum wɔn ara kosii Betkar ase.

12 Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi.

13 Na wɔbrɛɛ Filistifo no ase, na wɔankɔ so amma Israelfo hye so bio; na AWURADE nsa daa Filistifo so, Samuel nna nyinaa.

14 Na wɔdan nkurow a Filistifo agye Israel nsam no maa Israel, efi Ekron kosi Gat, ne ɛho nsaase nso, Israel gyee Filistifo nsam. Na asomdwoe baa Israelfo ne Amorifo ntam.


Samuel yɛ ɔkannifo nso

15 Na Samuel yɛɛ ɔkannifo wɔ Israel ne nkwa nna nyinaa.

16 Na afe biara afe okyin kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔyɛ ɔkannifo wɔ nkurow yi nyinaa mu.

17 Na ɔsan ba Rama, na ɛhɔ na ne fi wɔ; na odi Israel so wɔ hɔ, na osii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan