Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 4 - KYERƐW KRONKRON


Israelfo di nkogu

1 Na Samuel asɛm duu Israel nyinaa. Na Israel tu kɔe sɛ wokohyia Filistifo ne wɔn ako; na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ Ebeneser, na Filistifo nso bɛbɔɔ nsra wɔ Afek.

2 Na Filistifo no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛwee, na Israelfo dii nkogu Filistifo no anim, na wokum wɔn mu nnipa bɛyɛ mpemnan.

3 Na ɔman no baa nsra no mu no, Israel mpanyin kae sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkogu nnɛ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmegye yɛn mfi yɛn atamfo nsam.

4 Ɛnna ɔman no soma kɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no bae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Onyankopɔn apam adaka no ho.

5 Na AWURADE apam adaka no duu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛse maa asase wosowee.

6 Na Filistifo tee osebɔ no, wɔkae sɛ: Hebrifo nsram osebɔ kɛse yi ase ne dɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsra no mu.

7 Ɛnna Filistifo no suroe, na wose: Onyankopɔn aba nsra no mu. Na wɔkae sɛ: Buei, yennue! Na ɛmmae sɛɛ pɛn.

8 Buei, yennue! Hena na obeyi yɛn afi anyame atumfo yi nsam? Eyinom ne anyame a wɔde ɔhaw ahorow haw Misraimfo wɔ sare so no.

9 Mo Filistifo, monhyɛ mo ho den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifo sɛnea wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.

10 Na Filistifo no koe, na Israel dii nkogu, na wɔn nyinaa guanguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu; na ɛyɛɛ okunkɛse sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu ɔpeduasa totɔe.

11 Na Onyankopɔn adaka no, Filistifo no fae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔe.

12 Na Benyaminni bi fi mpasua no so tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atade asunsuane, na dɔte gu n’atifi.

13 Na odui no, na hwɛ, Eli te agua so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Onyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kurow mu no nyinaa sui.

14 Na Eli tee osu no, ɔkae sɛ: Hooyɛ gyegyeegye yi ase ne dɛn? Na ɔbarima no yɛɛ ntɛm bɛka kyerɛɛ Eli.

15 Nso na Eli adi mfe aduakron awotwe, na n’ani so ayɛ wusiwusi, na onhu ade yiye.

16 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene nea ofi mpasua so mebae no. Ɛnnɛ na mifi mpasua no so miguanee. Na ose: Asɛm no te dɛn, me ba?

17 Na ɔbɔfo no buae sɛ: Israelfo adi nkogu Filistifo anim, na wɔakunkum Israelman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso atotɔ, na atamfo no afa Onyankopɔn adaka no.

18 Na ɔbɔɔ Onyankopɔn adaka no din no, Eli fi n’agua so tew faa n’akyi hwee ase ɔpon kɛse no ho, na ne kɔn mu bui, na owui, efisɛ ɔyɛ akwakoraa na ɔyɛ duru. Na wahwɛ Israel so mfe aduanan.

19 Na ne sew, Pinehas yere, anyinsɛn na n’awo bere reyɛ adu. Na ɔtee asɛm no sɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no, na n’ase ne ne kunu awuwu no, awoko yaw patu kaa no, na ɔkotow woe amonom hɔ ara, na yaw dodow no nti, owui.

20 Na ɔregyaa mu no, mmea a wogyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawo yi. Nanso wammua, na wammu.

21 Na ɔtoo abofra no din Ikabod, ase ne: Anuonyam wɔ he? Ɛna ose: Ɔfa a wɔafa Onyankopɔn adaka no, ne n’ase ne ne kunu wu no nti, anuonyam no afi Israel kɔ.

22 Enti na ose: Anuonyam apa afi Israel, efisɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan