Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 31 - KYERƐW KRONKRON


Saul ne ne mmammarima wu
( 1 Berɛsosɛm 10.1-12 )

1 Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima guanee Filistifo anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔw so.

2 Na Filistifo tu taree Saul ne ne mma, na Filistifo no kum Saul mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua.

3 Na ɔko no den Saul, na bɛmmatofo, mmarima a wokura ta huu no, na wɔtow no, piraa no.

4 Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛwɔ me ammɛyɛ me ade angoru me atɔprɛ. Na n’akodekurafo no ampene, efisɛ osuro pii. Ɛnna Saul faa nkrante na ɔhwee so.

5 Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul awu no, ɔno nso hwee ne nkrante so saa ara, na ɔne no wui.

6 Saa na Saul ne ne mma baasa ne n’akodekurafo ne ne mmarima nyinaa nso wuwui prɛko da no ara.

7 Na Israel mmarima a wɔwɔ obon no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hui sɛ Israel mmarima aguan na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw nkurow no guanguanee, na Filistifo na bae bɛtenaa mu.

8 Na ade kyee a Filistifo bae beyiyii atɔfo ho ade no, wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so.

9 Na wotwaa ne ti, na woyii ne ho akode, na wɔsoma ma wɔde kyinii Filistifo asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfi ne ɔman no mu.

10 Na wɔde n’akode no kosiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛn Bet-san fasu ho.

11 Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul no,

12 akofo nyinaa sɔree, nam anadwo mu no nyinaa kɔfaa Saul funu ne ne mma afunu no fii Bet-san fasu no ho de baa Yabes, na wɔhyewee wɔ hɔ.

13 Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkorae ɔsantɛw dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan