Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 29 - KYERƐW KRONKRON


Filistifo no po Dawid

1 Afei Filistifo boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfo kɔbɔɔ nsra nsuaniwa a ɛwɔ Yesreel no ho.

2 Na Filistifo asafohene betwaa mu, ɔha ha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho betwaam wɔ kyidɔm no mu.

3 Ɛnna Filistifo asafohene no kae sɛ: Na Hebrifo yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifo asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israel hene Saul akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfe sɛɛ yi a minhuu ne ho bɔne bi fi da a ɔwaee de besi nnɛ no ni?

4 Na Filistifo asafohene no bo fuw no, na Filistifo asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsan, na ɔnsan nkɔ ne tenabea a wode no tenae hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannan n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdɛn na oyi de bɛpata ne wura? So ɛnyɛ nnipa yi ti?

5 So ɛnyɛ Dawid a wogyee ne ho dwom so asaw mu sɛ: “Saul akum n’apem, apem na Dawid akum ne ɔpedu ɔpedu, no ni anaa?”

6 Ɛnna Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, woteɛ, na me de, anka eye ma me sɛ wo ne me bedi akɔneaba ɔsa yi mu; efisɛ efi da a wobaa me nkyɛn de besi nnɛ, minhuu wo ho bɔne bi ɛ; na asafohene no na ɛmpɛ wo.

7 Enti san, na kɔ asomdwoe mu, na wo ho anyɛ Filistifo asafohene no ahi.

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Na dɛn na mayɛ, na dɛn na woahu w’akoa ho fi da a mebaa w’anim de abesi nnɛ yi a enti mennkɔ na me ne me wura ɔhene atamfo nnkɔko yi?

9 Na Akis bua see Dawid sɛ: Minim sɛ wuye m’ani so sɛ Onyankopɔn bɔfo; nso Filistifo asafohene no se: Ɔne yɛn renkɔ ɔsa no.

10 Enti monsɔre anɔpahema, wo ne wo wura nkoa a wɔne wo bae no; na mosɔre ahema no na anim tetew ara pɛ a, moasim akɔ.

11 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no tuaa ahema siim sɛ wɔresan akɔ Filistifo asase so. Na Filistifo no baa Yesreel.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan