Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 25 - KYERƐW KRONKRON


Samuel wu

1 Na Samuel wui; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano begyam no, na wɔkoraa no ne fi wɔ Rama. Na Dawid sɔre sian kɔɔ Paran sare so.

2 Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛse. Ɔwɔ nguan mpensa ne mmirekyi apem; na ɔretwitwa ne nguan ho wɔ Karmel.

3 Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail. Na ɔbea no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no de, ɔyɛ den, na ne nneyɛe nye; nso ɔyɛ Kalebni.

4 Na Dawid tee sare so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nguan ho.

5 Na Dawid somaa mmerante du, na Dawid ka kyerɛɛ mmerante no sɛ: Momforo nkɔ Karmel na monkɔ Nabal nkyɛn, na monkɔbɔ me din nkyia no mma me.

6 Na munse no sɛ: Asomdwoe nka wo, asomdwoe nka wo fi, na asomdwoe nka nea wowɔ nyinaa.

7 Na afei, mate sɛ wowɔ nguan ho twitwafo; afei wo nguanhwɛfo a wowɔ wɔn no ne yɛn tenae no, yɛanhunahuna wɔn, na wɔn biribiara nso anyera bere a wɔtenaa Karmel no nyinaa;

8 bisabisa wo mmerante no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmerante no nnya w’anim anuonyam, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa nea ɛtɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!

9 Na Dawid mmerante no dui no, wɔde Dawid din kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Nabal, na wɔtwɛnee.

10 Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hena ne Dawid na hena ne Yese ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtetew wɔn ho fi wɔn wuranom ho dɔɔso.

11 Na memfa m’aduan ne me nsu ne me nam a makum de rema me nguan ho twitwafo no memma nnipa a minnim nea wofi anaa?

12 Ɛnna Dawid mmerante no dan wɔn ho sii kwan so, na wɔsan bɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.


Dawid ne Abigail

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: Mo nyinaa mmobɔ mo nkrante. Na wɔn nyinaa bobɔɔ wɔn nkrante, na Dawid nso bɔɔ ne nkrante, na ɛbɛyɛ mmarima ahanan foro dii Dawid akyi, na ahanu tenaa nneɛma no ho.

14 Na mmerante no mu biako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ: Hwɛ, Dawid somaa abɔfo fi sare so bekyiaa yɛn wura, na opoopoo wɔn.

15 Nso nnipa no ye ma yɛn sɛ, na wɔanyɛ yɛn bɔne bi, na yɛwɔ wuram hɔ a yɛne wɔn nam no nyinaa, yɛn biribiara anyera da;

16 wɔyɛɛ yɛn ho ɔfasu anadwo ne awia, bere a yɛne wɔn te a yɛrehwɛ nguan no nyinaa.

17 Na afei hwɛ, na dwen nea wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fi nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔbahuhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.

18 Ɛnna Abigail yɛɛ ntɛm faa abodoo ahanu, ne nsa ntumpan abien ma, ne nguan anum a wɔasiesie wɔn, ne nkyeweɛ susuwade anum, ne asikresam aba nkotoku ɔha, ne brodoma aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ahanu de soaa mfurum,

19 na ɔka kyerɛɛ ne mmerante no sɛ: Monsen nni me kan, hwɛ, meredi mo akyi maba. Na ne kunu Nabal de, wanka ankyerɛ no.

20 Na ɔte afurum so resian aba bepɔw no ase no, na hwɛ, Dawid ne ne nnipa no nso resian ahyia no, na ohyiaa wɔn.

21 Nso Dawid aka sɛ: Ɔkwa ara kwa na mahwɛ oyi ade a ɔwɔ sare so nyinaa so, na nea ɛyɛ ne de nyinaa mu biribiara anyera, nso bɔne na ɔde ahyɛ me papa ananmu.

22 Sɛ ekosi ɔkyena anɔpa, migyaw n’ade a ɔwɔ nyinaa mu onini biako pɛ po a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfo sa na ɔnka ho sa!

23 Na Abigail huu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm fii n’afurum so sii fam, na ɔde n’anim butuw Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam,

24 na ɔde ne ho hwee ne nan ase kae sɛ: Me wura, me so na amumɔyɛ yi nna, na ma w’afenaa nkasa ngu w’asom ɛ, na tie w’afenaa nsɛm.

25 Mesrɛ wo, mma me wura mmfa ne koma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din te no, sɛ ɔte ara ne no, Nabal ne ne din, agyennyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa de, manhu me wura mmerante a wosomaa wɔn no.

26 Na afei, me wura, sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, AWURADE asianka wo, na woammedi mogya ho so sɛ wode w’ankasa nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.

27 Na afei, akyɛde a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmerante a wodi me wura akyi no.

28 Fa ɔso yi firi w’afenaa ɛ! Na ampa ara, AWURADE bɛkyekye ofi a atim ama me wura, efisɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhu wo mu bɔne bi wo nna nyinaa mu.

29 Na sɛ onipa asɔre retiw wo abɛhwehwɛ wo akum wo a, ɛnne wɔnkyekyere me wura ɔkra, nkwa boaa mu, AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na w’atamfo kra de, wɔntow no sɛ ade a efi ataabo mu.

30 Na sɛ AWURADE nya yɛ me wura papa a waka wɔ wo ho no nyinaa na ɔde wo si Israel so hene a,

31 me wura werɛ renhow na ne koma remmɔ no paa, sɛ waka mogya agu kwa anaasɛ me wura ankasa atɔ were. Na AWURADE bɛyɛ me wura yiye, na woakae w’afenaa.

32 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi.

33 Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankodi mogya ho so, na mamfa m’ankasa nsa mantɔ were.

34 Na ampa ara, sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn a wasianka me na manyɛ wo bɔne no te ase yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammehyia me a, anka ebedu ɔkyena anɔpa, obiara a ɔyɛ onini renka mma Nabal.

35 Ɛnna Dawid gyee nea ɔde brɛɛ no no ne nsam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ wo fi asomdwoe mu, hwɛ, matie wo, na mahwɛ w’anim.

36 Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, watow ne ho pon ne fi hɔ sɛ ɔhene pon; na Nabal ani agye ne ho, na wabow tintaan. Na wanka no hwee kosii n’adekyee.

37 Na anɔpa a nsa tetew Nabal ani so no, ne yere kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no, na ne koma gyenee ne yam, na ɔdan sɛ ɔbo.

38 Na ɛbɛyɛ dadu no, AWURADE bɔɔ Nabal, na owui.

39 Na Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa no so were ama me na waso n’akoa mu afi bɔne ho, AWURADE adan Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma ne Abigail kɔkasae sɛ ɔbɛfa no aware.

40 Na Dawid nkoa no duu Abigail nkyɛn Karmel kɔka kyerɛɛ no sɛ: Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ ɔrebɛfa wo aware.

41 Na ɔsɔre bɔɔ ne ti ase kotowee, kae sɛ: Hwɛ, w’afenaa yɛ abaawa a ɔbɛhohoro me wura nkoa nan ho.

42 Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afurum so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan ase, na odii Dawid abɔfo no akyi kɔyɛɛ ne yere.

43 Na Dawid waree Ahinoam a ofi Yesreel nso, na wɔn baanu no yɛɛ ne yerenom.

44 Na Saul de ne ba Mikal, Dawid yere no, ama Lais ba Palti a ofi Galim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan