Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 23 - KYERƐW KRONKRON


Dawid gye Keila kurow no, atamfo nsam

1 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, Filistifo ne Keila reko na wɔrefow awiporowbea.

2 Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: So menkɔ minkokum Filistifo yi? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kokum Filistifo no, na gye Keila.

3 Na Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Yuda ha mpo, yesuro, na nkantom sɛ yɛbɛkɔ Keila ne Filistifo dɔm akɔko.

4 Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre sian kɔ Keila, na me na mede Filistifo no merehyɛ wo nsa.

5 Ɛnna Dawid ne ne nnipa no siim kɔɔ Keila, na ɔne Filistifo no kɔkoe, na ɔkaa wɔn mmoa fae, na okum wɔn okunkɛse, na Dawid gyee Keilafo.

6 Na Ahimelek ba Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na okura asɔfotade, na ɔde sian kɔe.

7 Na wɔkɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aba Keila. Na Saul kae sɛ: Onyankopɔn reyi no ahyɛ me nsa, na wato ne ho mu, sɛ wakɔ kurow a ano wɔ apon ne adaban mu.

8 Na Saul ma wohyiaa ɔman no nyinaa sɛ wɔrekɔ ɔsa na wasian akɔ Keila akɔtoa Dawid ne ne nnipa no.

9 Na Dawid huu sɛ Saul rebɔ ne ho pɔw bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar sɛ: Fa asɔfotade no bra.

10 Na Dawid kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, w’akoa ate ampa ara sɛ Saul repɛ aba Keila, na me nti wabɛsɛe kurow no.

11 So Keilafo de me bɛhyɛ ne nsa? So Saul besian aba sɛnea w’akoa tee no? AWURADE, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ w’akoa ɛ! Na AWURADE kae sɛ: Obesian aba.

12 Na Dawid kae sɛ: So Keilafo beyi me ne me nnipa ahyɛ Saul nsa? Na AWURADE se: Wobeyi wo ama.

13 Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre fii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wobetumi akɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aguan afi Keila no, ogyaee n’akyidi.

14 Na Dawid kɔtenaa sare so bepɔw so atenae horow no mu; na ɔtenaa bepɔw bi so Sif sare so. Na Saul hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa.

15 Na Dawid hui sɛ Saul afi adi rebɛhwehwɛ no akum no. Nso Dawid wɔ Sif sare so wɔ Hores.

16 Ɛnna Saul ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Onyankopɔn mu.

17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’abediakyiri; na m’agya Saul nso nim sa.

18 Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ fie.

19 Ɛnna Sififo foro kɔɔ Saul nkyɛn Gibea kɔkae sɛ: So ɛnyɛ Dawid na ohintaw yɛn nkyɛn wɔ atenae a ɛwɔ Hores, Hakila koko a ɛwɔ sare pataa no nifa fam no so no?

20 Na afei, ɔhene sian bra, sɛnea wo kra hwehwɛ a ɔhwehwɛ sɛ obesian no te nyinaa, na yɛn de ne sɛ yebeyi no ahyɛ ɔhene nsa.

21 Ɛnna Saul kae sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔbɔ.

22 Monkɔ nkɔhwehwɛ mu yiye, na monhwɛ nhu faako a ɔhyɛ ne onii ko a ohuu no hɔ. Na mate sɛ ɔyɛ oniferefo sɛ.

23 Na monhwɛ nhu faako a ohintahintaw no nyinaa, na sɛ ɛyɛ ampa a, monsan mmra me nkyɛn, na me ne mo nkɔ. Na sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛtwee mapɛ no Yuda mpem nyinaa mu.

24 Na wɔsɔre dii Saul anim kɔɔ Sif. Na Dawid ne ne nnipa no wɔ Maon sare so, tataw a ɛwɔ sare pataa no nifa fam no so.

25 Na Saul ne ne nnipa kɔe sɛ wɔkɔhwehwɛ no. Na wɔkɔka kyerɛɛ Dawid; na osian ɔbotan no kɔtenaa Maon sare so. Na Saul tee no, otiw Dawid baa Maon sare so.

26 Na Saul nam bepɔw no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔw no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afi Saul anim akɔ no, Saul ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekyere wɔn.

27 Na ɔbɔfo bi baa Saul nkyɛn bɛkae sɛ: Ka wo ho bra, na Filistifo abegu asase no so.

28 Enti Saul san fii Dawid akyi kɔe kohyiaa Filistifo no. Enti wɔfrɛ hɔ sɛ: Sela-hamahlekot

29 Na Dawid fii hɔ foro kɔtenaa En-gedi bepɔw so atenae mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan